Hebrifo 7:1-28

7  Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo,+ a bere a Abraham kokum ahene no a ɔresan aba no, okohyiaa no hyiraa no+  na Abraham kyɛɛ nneɛma nyinaa mu maa no ntotoso du du+ no, nea edi kan no, ne din ase ne, “Trenee Hene,” na afei nso ɔyɛ Salem hene,+ a ɛkyerɛ, “Asomdwoe Hene.”  Esiane sɛ onni papa nni maame, na onni abusua santen nni nna mfiase+ anaa nkwa awiei, na mmom wɔayɛ no sɛ Onyankopɔn Ba+ no nti, ɔkɔ so di sɔfo daa.+  Enti monhwɛ sɛnea onipa yi a abusua ti Abraham maa no asade akɛse no so ntotoso du du+ no yɛ kɛse fa.  Nokwarem no, mmarima a wofi Lewi mma+ mu a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du+ fi ɔman no hɔ+ sɛnea Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wofi Abraham asen mu+ de;  nanso ɔbarima a omfi saa abusua no mu+ no gyee Abraham hɔ ntotoso du du,+ na ohyiraa nea wɔhyɛɛ no bɔ no.+  Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔyɛ kɛse na ohyira nea ɔyɛ akumaa no.+  Na asɛm biako mu no, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du,+ nanso nea ɛka ho no mu de, ɛyɛ obi a wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase.+  Na sɛ mɛka a, ɛdenam Abraham so no, Lewi a ogye ntotoso du du no mpo maa ntotoso du du no bi, 10  efisɛ na ɔda so ara wɔ ne nanabarima asen mu+ bere a Melkisedek behyiaa no no.+ 11  Enti afei sɛ Lewi asɔfodi so na pɛyɛ+ nam a,+ (efisɛ ɛno yɛ ade titiriw a wɔde kaa Mmara no ho maa ɔman no)+ anka ɛbɛyɛ dɛn na ɛho abehia bio+ sɛ ɔsɔfo foforo bɛsɔre wɔ Melkisedek kwan so+ na wɔanka sɛ Aaron kwan so de? 12  Na esiane sɛ wɔresesa asɔfodi+ no nti, ehia sɛ wɔsesa mmara+ no nso. 13  Na ɔbarima a wɔaka nsɛm yi afa ne ho no fi abusuakuw foforo+ a obiara mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka so adwuma+ da mu. 14  Na ɛda adi fann sɛ Yuda mu na yɛn Awurade fi puei,+ nanso Mose anka asɔfodi ho hwee amfa saa abusuakuw yi ho. 15  Na emu da hɔ koraa sɛ ɔsɔfo foforo+ a ɔne Melkisedek di nsɛ+ sɔre, 16  nea wamfa mmara mu ahyɛde bi a egyina ɔhonam+ so na ɔbɛyɛɛ saa, na mmom ɔnam nkwa a ɛnsɛe+ tumi so, 17  efisɛ wɔka de di adanse sɛ: “Woyɛ ɔsɔfo daa wɔ Melkisedek kwan so.”+ 18  Enti nokwarem no wɔde mmara a edii anim no too nkyɛn esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw+ na enni mũ+ nti. 19  Efisɛ Mmara no amma biribiara anwie pɛyɛ,+ na mmom anidaso+ a ɛkyɛn ɛno a ɛbae no na ɛyɛɛ saa, na ɛno so na yɛnam bɛn Onyankopɔn.+ 20  Afei nso, bere dodow a wɔankwati ntanka anyɛ eyi no, 21  (asɛm no ne sɛ mmarima bi bɛyɛɛ asɔfo a ntanka amma mu, nanso obiako wɔ hɔ a wɔkaa ntam faa ne ho, na Onii a ɔkaa ntam no kaa ne ho asɛm sɛ: “Yehowa aka ntam+ (na ɔrennu ne ho) sɛ, ‘Woyɛ ɔsɔfo daa,’”)+ 22  saa ara nso na Yesu abɛyɛ nea wɔde no adi agyinam ama apam a ɛkyɛn ɛno.+ 23  Bio nso, ɛho behiae sɛ nnipa pii didi so bɛyɛ asɔfo+ esiane sɛ owu amma wɔantoa so+ saa daa nti, 24  nanso ɔno de, esiane sɛ ɔte ase daa+ nti, obiara nni n’ade sɛ ɔsɔfo. 25  Ne saa nti obetumi nso agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa a ɔbɛsrɛ ama wɔn.+ 26  Na ɔsɔfo panyin a ɔte saa no fata yɛn,+ odi nokware,+ bɔne nni no mu,+ efĩ nni ne ho,+ ɔmfra abɔnefo mu,+ na wɔama no so asen ɔsoro.+ 27  Enhia sɛ da biara+ odi kan bɔ afɔre ma n’ankasa bɔne+ sɛnea saa asɔfo mpanyin no yɛe no, ansa na wabɔ bi ama ɔman no:+ (na eyi na ɔyɛɛ no prɛko+ bere a ɔde ne ho mae+ no;) 28  na Mmara no paw nnipa a wɔyɛ mmerɛw+ asɔfo mpanyin,+ nanso ntanka asɛm+ a ɛbae wɔ Mmara no akyi no paw Ɔba a wayɛ pɛ+ daa.

Ase Hɔ Nsɛm