Hebrifo 9:1-28

9  Kan apam no de, na ɛwɔ ɔsom+ ho ahyɛde ahorow ne asase so kronkronbea.+  Na wosii ntamadan no mu pia a edi kan+ a emu na na kaneadua+ ne ɔpon+ ne paanoo a wɔde kyerɛ+ no wɔ; na wɔfrɛ hɔ “Kronkronbea.”+  Nanso ntwamutam+ a ɛto so abien no akyi na na ntamadan no mu pia a wɔfrɛ hɔ “Kronkron mu Kronkronbea”+ no wɔ.  Ɛhɔ na na wɔkora sika aduhuamhyew ade+ ne apam adaka+ a wɔde sika adura ho+ nyinaa a emu na na sika kuruwa a mana+ wom ne Aaron poma a ɛfefɛwee+ ne apam abopon+ no wɔ no,  na na anuonyam kerubim+ no kata mpata mmuaso+ no so. Nanso ɛnyɛ saa bere yi na yɛbɛka eyinom ho nsɛm akɔ akyiri.  Bere a wɔhyehyɛɛ nneɛma yi wiei saa no, na asɔfo no kɔ ntamadan no pia a edi kan+ no mu bere nyinaa kɔyɛ ɔsom adwuma;+  nanso pia a ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin no nkutoo na na afe biara ɔkɔ hɔ pɛnkoro,+ na ɔnkɔ nnyaw mogya+ a n’ankasa+ ne ɔman+ no mfomso nti ɔde kɔma no.  Enti honhom kronkron da no adi pefee sɛ bere a na ntamadan a edi kan no si hɔ no, na wonnya nyii ɔkwan+ a ɛkɔ kronkronbea no adi.+  Saa ntamadan yi yɛ mfatoho+ ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na nea ɛne no hyia no, wɔde ayɛyɛde ne afɔre nyinaa ma.+ Nanso eyi ntumi mma nea ɔyɛ ɔsom adwuma no nwie pɛyɛ+ wɔ n’ahonim+ mu, 10  na mmom ɛfa nnuan+ ne anonne+ ne asubɔ*+ nkutoo ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛde a ɛfa ɔhonam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kosii sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yiye no bɛba.+ 11  Nanso, bere a Kristo bae sɛ nnepa a aba ho sɔfo panyin+ no, ɔnam ntamadan a ɛsõ na ewie pɛyɛ kyɛn so na wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu,+ 12  so hyɛn kronkronbea hɔ prɛko konyaa daa ogye maa yɛn,+ nanso ɛnyɛ mmirekyi ne anantwi mma mogya+ na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom n’ankasa mogya.+ 13  Na sɛ mmirekyi+ ne anantwinini+ mogya ne anantwiforo nsõ+ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fi+ so no tew wɔn ho dwiraa wɔn honam+ a, 14  mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho a enni dɛm bɔɔ afɔre+ maa Onyankopɔn no mogya+ rentew yɛn ahonim ho+ mfi nnwuma funu+ ho na ama yɛasom+ Onyankopɔn teasefo no? 15  Ɛno nso nti na ɔyɛ apam foforo ntamgyinafo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a esiane sɛ wawu de ayɛ agyede+ agye wɔn afi mmarato mu wɔ kan apam+ no mu nti, wɔn a wɔafrɛ wɔn no betumi anya daa nkwa agyapade ho bɔhyɛ no.+ 16  Na apam+ mu no, ehia sɛ nea ɔyɛ apam no wu. 17  Sɛ owu ba mu a na ɛma apam di mu, efisɛ bere tenten a onipa a ɔyɛɛ apam no te ase no, tumi nnim. 18  Ɛno nti wɔankwati mogya+ amfa kan apam+ no nso ansi hɔ. 19  Na bere a Mose kaa Mmara no mu ahyɛde biara kyerɛɛ ɔman no wiei no,+ ɔfaa anantwi mma ne mmirekyi no mogya ne nsu ne tankɔkɔɔ ne sommɛ,+ na ɔde petee nhoma no ankasa ne ɔman no nyinaa so, 20  kae sɛ: “Eyi ne mogya a wɔde yɛ apam a Onyankopɔn de ayɛ ahyɛde ama mo no.”+ 21  Na ɔde mogya no petee ntamadan+ no ne ɔsom adwuma ho anwenne nso ho.+ 22  Yiw, sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya tew nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ mogya angu a,+ fafiri ntumi mma.+ 23  Enti, na ɛho hia sɛ wɔfa saa kwan yi so tew+ ɔsoro nneɛma nsusuwso no ho,+ na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a ɛkyɛn afɔre a ɛtete saa na ɛtew ho. 24  Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛe,+ a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛnee, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+ 25  Na wankɔ nso sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre mpɛn pii, sɛnea ɔsɔfo panyin no de mogya a ɛnyɛ n’ankasa de hyɛn kronkronbea+ hɔ afe afe+ no. 26  Anyɛ saa a anka efi wiase nhyɛase+ no ɛsɛ sɛ ɔtaa hu amane. Nanso afei de wayi ne ho adi+ prɛko+ wɔ wiase nhyehyɛe no awiei+ sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no so beyi bɔne afi hɔ.+ 27  Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa+ sɛ wowu prɛko, nanso atemmu bɛba ɛno akyi+ no, 28  saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre prɛko+ sɛ ɔnsoa nnipa pii bɔne;+ na ne mprenu so+ a obeyi ne ho adi+ no de, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba,+ na obeyi ne ho adi akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan denneennen repɛ wɔn nkwagye no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nnipa ne nneɛma ho a wɔhohoro sɛnea Mose Mmara hwehwɛ.