Hiob 1:1-22

1  Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔteɛ;+ ná osuro Onyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+  Wɔwoo mmabarima baason ne mmabea baasa maa no.+  Ná ne nyɛmmoa+ yɛ nguan mpemnson, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahanum, mfurum abere ahanum ne nkoa bebree pa; ná ɔbarima no sen Apuei Famfo+ nyinaa.  Ná ne mmabarima no tow pon+ wɔ obiako fie, obiara wɔ ne da, na wɔsoma ma wɔkɔfrɛ wɔn nuabeanom baasa no ma wɔne wɔn bedidi nom.  Sɛ apontow nna no kɔ besi a, Hiob de nkra kɔ ma wodwira wɔn ho,+ na ɔsɔre anɔpatutuutu kɔbɔ ɔhyew afɔre+ sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob kae sɛ, “ebia na me mmabarima no ayɛ bɔne, na wɔadome+ Onyankopɔn wɔn koma mu.”+ Saa na na Hiob yɛ daa.+  Ɛbae sɛ da bi, nokware Nyankopɔn+ mma no begyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan+ nso fraa wɔn mu bae bi.+  Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi bae?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin+ ne ɛso anantenantew+ na mereba.”  Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno asase so,+ onipa a ne ho nni asɛm+ na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”+  Ɛnna Satan buaa Yehowa sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa?+ 10  Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?+ Woahyira ne nsa ano adwuma so,+ na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛw asase so. 11  Afei wopɛ a, fa wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+ 12  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Biribiara a ɔwɔ hyɛ wo nsa. Ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no!” Ɛnna Satan fii Yehowa anim kɔe.+ 13  Ɛbae sɛ da bi, na ne mmabarima ne ne mmabea no redidi na wɔrenom nsã wɔ wɔn nua panyin fie.+ 14  Ɛnna ɔbɔfo+ baa Hiob nkyɛn bɛkae sɛ: “Bere a anantwi no refɛntɛm+ a mfurum abere no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15  Sabafo+ bɛtow hyɛɛ wɔn so faa wɔn kɔe, na asomfo no nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; me nkutoo na matumi aguan afi mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”+ 16  Bere a ogu so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: “Onyankopɔn gya fi soro+ abɛtɔ nguan no mu ahyew wɔne asomfo no; me nkutoo na matumi aguan afi mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.” 17  Bere a ɔno nso gu so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: “Kaldeafo+ akyɛ wɔn mu akuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na asomfo no nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; me nkutoo na matumi aguan afi mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.” 18  Bere a oyi nso gu so rekasa no, obi foforo nso bae bɛkae sɛ: “Ná wo mmabarima ne wo mmabea no redidi na wɔrenom nsã+ wɔ wɔn nua panyin no fie. 19  Na hwɛ! mframa+ kɛse bi bɔ fii sare so bɛbɔɔ ofie no ntwea anan no, na abubu agu wo mma no so akunkum wɔn. Me nkutoo na matumi aguan afi mu, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo.” 20  Ɛnna Hiob sɔre suan+ n’atade nguguso mu, na otwitwaa ne nhwi+ fii ne ti so; ɔbɔɔ ne mu ase,+ na obutuw fam,+ 21  na ɔkae sɛ:“Adagyaw na mede fi me maame yam bae,+Na adagyaw na mɛsan de akɔ.+ Yehowa na ɔde mae,+ Yehowa na wagye.+Nhyira nka Yehowa din daa.”+ 22  Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wanka asɛmmɔne biara antia Onyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm