Hiob 10:1-22

10  Me nkwa yɛ me kra abofono.+Mɛpae mu aka me haw.Mɛkasa me kra awerɛhow mu!   Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mmu me fɔ.Ma minhu nea enti a wo ne me redi.   Eye ma wo sɛ wobɛyɛ bɔne?+Na eye sɛ wobɛpo wo nsa ano adwuma+ a wobrɛ yɛe,Na wode wo hann ato nnebɔneyɛfo agyinatu so?   W’aniwa+ yɛ onipa aniwa?Anaa sɛnea ɔdesani hu ade na wuhu?+   Wo nna te sɛ ɔdesani nna?+Anaa wo mfe te sɛ ɔbarima nna?   Dɛn nti na wohwehwɛ me mfomsoNa wokɔ so hwehwɛ me bɔne+   Bere a wunim sɛ menyɛɛ bɔne,+Na obiara nni hɔ a obegye me afi wo nsam?+   Wo nsa na ɛnwenee me, na ɛyɛɛ me;+Ɛyɛɛ me ho biribiara, nanso worepɛ me amene me.   Mesrɛ wo, kae sɛ dɔte+ na wode yɛɛ me,Na dɔte mu na wobɛma masan akɔ.+ 10  Woanhwie me sɛ nufusu?Na woamma manyɛ sɛ nufusu a ada?+ 11  Wode were ne honam duraa me ho,Na wode nnompe ne ntini nwenee me boom.+ 12  Womaa me nkwa, na woyɛɛ me adɔe;+Wohwɛɛ me,+ na wokoraa me honhom so. 13  Nanso wode eyinom nyinaa ahintaw wo komam.Minim sɛ eyinom nyinaa wɔ w’adwenem. 14  Sɛ mayɛ bɔne, na woahu me+Na sɛ woamfa me mfomso amfiri me,+ 15  Sɛ midi fɔ a, minnue!+Na sɛ m’asɛm yɛ dɛ nso a, meremma me ti so,+Efisɛ animguase amee me, na amanehunu+ amene me. 16  Sɛ mema me ho so+ a, wobɛtaa me sɛ gyataforo,+Na wobɛyɛ anwonwade wɔ me so bio. 17  Wode w’adansefo foforo bɛba m’anim,Na woama w’abufuw ayɛ kɛse wɔ me so;Amanehunu abɔ amanehunu so wɔ me so. 18  Ɛyɛɛ dɛn koraa na wuyii me fii awotwaa mu bae?+Anka ma minwu na aniwa biara anhu me; 19  Anka meyɛe sɛ nea mamma koraa;Mifi ɔyafunu mu no, anka ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ ɔdamoa mu.’ 20  Me nna nyɛ kakraa bi?+ Ma onnyaa me,Ma onyi n’ani mfi me so, na me ho nsan me+ kakra 21  Ansa na makɔ a merensan mma bio+​—Mɛkɔ sum asase so ne sum kabii mu,+ 22  Mɛkɔ asase kusuu so, sum kabii muNe sakasaka asase so, baabi a ɛhɔ hann yɛ kusuu.”

Ase Hɔ Nsɛm