Hiob 11:1-20

11  Ɛnna Sofar a ofi Naama+ no buae sɛ:   “So wɔremma nsɛm dodow yi ho mmuae,Anaa ɔhohoahoafo bedi bem?   Enti wo kasa hunu yi bɛma mmarima aka wɔn ano atom?Na wobɛkɔ so adi fɛw a obiara renka w’anim?+   Woka sɛ, ‘Me nkyerɛkyerɛ+ yɛ kronn,Na me de, me ho tew w’anim.’+   O sɛ anka Onyankopɔn bɛkasa,Na wabue n’ano akyerɛ wo a!+   Anka ɔbɛka wo nyansa ahintasɛm,Efisɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.Anka wubehu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomso no bi so.+   So wubetumi ahu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mu?+Anaa wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfoɔ no kɛseyɛ mu?   Ɛkorɔn sen ɔsoro. Dɛn na wobɛyɛ?Emu dɔ sen Adamoa.*+ Dɛn na wunim?   Ne tenten ware sen asase,Na ɛtrɛw sen ɛpo. 10  Sɛ ɔretwam na ɔkyere obi,Na ɔfrɛ asɛnni a, hena na obetumi asiw no kwan? 11  Ɔno na onim mmarima a wonni nokware.+Sɛ ohu adebɔne a, ɔrenyɛ ho biribi anaa? 12  Sɛ wɔwo sare so afurum sɛ onipa a,Ɛnde tibɔnkɔso mpo benya adwempa. 13  Wo de, siesie wo komaNa trɛw wo nsam kyerɛ no;+ 14  Sɛ adebɔne bi wɔ wo nsam a, yi kɔ akyirikyiri,Na mma amumɔyɛ biara nntena wo ntamadan mu. 15  Ɛno na wobɛma w’ani so a dɛm biara nni wo ho,+Na wubegyina pintinn a worensuro. 16  Wo de, wo werɛ befi ɔhaw mpo;Wobɛkae no te sɛ nsu a abɛsen kɔ. 17  Na wo nkwa nna+ bɛhyerɛn asen owigyinae;Esum mpo bɛyɛ sɛ adekyee.+ 18  Wubenya ahotoso efisɛ anidaso wɔ hɔ;Na wobɛhwɛ wo ho ahyia​—wobɛda dwoodwoo.+ 19  Wobɛda, na obiara renyi wo hu.Nnipa bebree bedwudwo wo bo;+ 20  Nnebɔneyɛfo aniwa bedi huammɔ;+Na guankɔbea bɛbɔ wɔn,+Na wɔn anidaso bɛdan ɔkra a ɔrewu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.