Hiob 12:1-25

12  Ɛnna Hiob buae sɛ:  “Ampa ara, mo na moyɛ nnipa;Muwu a na nyansa asa!+   Me nso me koma mu tew+ te sɛ mo.Monkyɛn me;+Hena na onnim nneɛma a ɛtete saa?   Mayɛ obi a ne yɔnko di ne ho fɛw,+Nea osu frɛ Onyankopɔn sɛ onnye no so.+Wodi ɔtreneeni a ne ho nni asɛm ho fɛw.   Nea n’asom adwo no de, obu amanehunu animtiaa ne tirim;+Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wohinhim.+   Ɔsɛefo ntamadan wɔ hɔ dwoodwoo,+Na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn abufuw wɔ ahobammɔTe sɛ obi a okura onyame bi wɔ ne nsam.+   Wo de, bisa afieboa, na wɔbɛkyerɛ wo;+Ɛne wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo.+   Anaasɛ dan w’ani hwɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo;+Na ɛpo mu mpataa+ bɛka akyerɛ wo.   Wɔn mu hena na onnimSɛ Yehowa nsa na ayɛ eyi,+ 10  Nea ɔteasefo biara kra+Ne ɔhonam nyinaa honhom+ wɔ ne nsam no? 11  Ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ+Sɛnea dodom+ ka aduan hwɛ no? 12  Nyansa nni nkwakoraa mu anaa,+Na ntease nni onyinkyɛ mu? 13  Ɔno na nyansa ne kɛseyɛ wɔ no;+Na afotu ne ntease yɛ ne dea.+ 14  Hwɛ! Ɔno na obubu a obi ntumi nsi;+Ɔto mu wɔ onipa anim, na obi ntumi mmue.+ 15  Hwɛ! Osiw nsu kwan, na ɛyow;+Ɔsoma no, na ɛsesã asase.+ 16  Ɔno na ahoɔden ne nyansa wɔ no;+Na nea odi mfomso ne nea ɔdaadaa nyinaa yɛ ne dea;+ 17  Ɔma afotufo de wɔn nan gu fam nantew,+Na ɔma atemmufo di abɔdansɛm. 18  Ɔsansan ahene nkyehama,+Na ɔde abɔso kyekyere wɔn asen. 19  Ɔma asɔfo de wɔn nan gu fam nantew,+Na otutu nnipa a wɔn ase atim gu;+ 20  Ɔma anokwafo nsɛm ka wɔn anom,Na oyi nkwakoraa nyansa fi hɔ; 21  Ohwie animtiaabu gu atitiriw so,+Na ohodwow atumfoɔ abɔso mu; 22  Oyi nea emu dɔ adi fi sum mu,+Na ɔma hann tɔ esum kabii so; 23  Ɔma aman yɛ akɛse, na ɔsɛe wɔn;+Ɔtrɛw aman mu, na otu wɔn kɔ; 24  Ogye asase so aman mu atitiriw nimdeɛ,Na ɔma wokyinkyin nea hwee nni,+ faako a ɔkwan biara nni. 25  Wɔde wɔn ti pempem sum mu,+ faako a hann nni,Na ɔma wokyinkyin te sɛ ɔsabofo.+

Ase Hɔ Nsɛm