Hiob 13:1-28

13  “Hwɛ! Eyi nyinaa m’aniwa ahu,M’aso nso ate, na madwen ho.   Nea munim no, me nso minim bi;Monkyɛn me.+   Nanso, me de, mepɛ sɛ anka ade nyinaa so Tumfoɔ no mmom na me ne no kasa;+Onyankopɔn na anka m’ani begye sɛ me ne no beyiyi nsɛm ano.   Mo de, mode nkontompo hura nkurɔfo din ho;+Mo nyinaa moyɛ ayaresafo hunu.+   Sɛ mubemua mo ano a,Anka ɛbɛyɛ nyansa ama mo!+   Mesrɛ mo, muntie m’anoyi,+Na monyɛ aso mma m’ano asɛm.   Mobɛka nea ɛnteɛ ama Onyankopɔn anaa,Na mobɛka nnaadaasɛm ama no?+   Mode animhwɛ bedi ama no,+Anaasɛ mobɛtwe manso ama nokware Nyankopɔn no?   Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ni?+Anaasɛ mobɛdaadaa no sɛnea wɔdaadaa onipa desani? 10  Sɛ mobɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ animhwɛ+ ahintawee mu a,Ɔka na ɔbɛka mo anim;+ 11  N’anuonyam kɛkɛ remma mommɔ piriw anaa,Na ne ho hu rentɔ mo so?+ 12  Mo nkaesɛm yɛ nsõ mmebusɛm;Mo akyɛm te sɛ dɔte+ akyɛm. 13  Monyɛ komm wɔ m’anim, na menkasa.Nea ɛbɛba me so biara mmra! 14  Dɛn nti na memfa me honam nhyɛ me sẽ mu,Na memfa me kra nto me nsam?+ 15  Sɛ ɔrekum me mpo a, merentwɛn anaa?+Nanso megyina n’anim ne no ayiyi nsɛm ano wɔ m’akwan ho. 16  Ɔno nso na ɔbɛyɛ me nkwagye,+Efisɛ ɔwaefo biara rentumi nnyina n’anim.+ 17  Muntie me nsɛm yi yiye,+Na momma m’anom nsɛm nkɔ mo asom. 18  Hwɛ! Mede m’asɛm ama asɛnnii;+Minim nso sɛ m’asɛm yɛ dɛ. 19  Hena na ɔne me bedi asi?+Sɛ mimua m’ano a, anka owu na mewu! 20  Nneɛma abien pɛ na yɛ ma me;Ɛno na meremfa me ho nhintaw wo;+ 21  Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,Na wo ho hu nso​—mma ennhunahuna me.+ 22  Ɛbɛyɛ a, kasa ma minyi ano;Anaa ma menkasa, na wo mmom yi ano. 23  Mfomso bɛn na madi, na bɔne bɛn na mayɛ?Ma minhu me mmarato ne me bɔne. 24  Dɛn nti na wode w’anim ahintaw+Na wubu me sɛ wo tamfo?+ 25  So wobɛma ahaban a mframa na ɛbɔ no nso ahinhim,Anaa buronan a awo akyi na wubedi? 26  Wokyerɛkyerɛw me ho nsɛm yayaayaw,+Na woma me mmeranteberem mfomso ba me so.+ 27  Wode me nan nso bɔ nnua mu,+Na w’ani di m’akwan nyinaa akyi;Wo na woatwitwa ahye ama m’anammɔn. 28  Nanso onipa yi te sɛ ade a aporɔw atetew;+Ɔte sɛ atade a nwewee asɛe no.+

Ase Hɔ Nsɛm