Hiob 14:1-22

14  “Onipa a ɔbea awo no,+Ne nna yɛ tiaa bi,+ na ɔhaw mee no.+   Opue sɛ nhwiren, na wotwa no kyene;+Oguan sɛ sunsuma,+ na ɔntena ase bio.   Nanso onipa a ɔte saa na wode w’ani asi no so,Na me na wo ne me rebedi asɛm.+   Hena na obetumi anya nea ne ho tew afi nea ne ho ntew mu?+Obiara nni hɔ.   Woahyɛ ne nna ato hɔ,+Na n’asram dodow wɔ w’anim;Woatwa ɔhye ama no na wantra.   Yi w’ani fi no so na onnya ɔhome,+Nkosi sɛ obenya anigye sɛ ɔpaani da.   Dua mpo, anidaso wɔ hɔ ma no.Sɛ wotwa a, ɛbɛsan afefɛw bio,+Na ne nnubaa remmɔ no.   Sɛ ne ntini twintwam wɔ famNa ne dunsin wu wɔ dɔte mu,   Na enya te nsu nka pɛ a, na afefɛw,+Na eyiyi nnubaa te sɛ dua foforo.+ 10  Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ ɔdesani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+ 11  Nsu fi po mu kɔ,Asubɔnten twe, na ɛyow.+ 12  Onipa nso kɔda, na ɔnsɔre.+Enkosi sɛ ɔsoro befi hɔ no, ɔrensɔre,+Na ɔrennyan mfi ne nna mu nso.+ 13  O sɛ wode me resie Adamoa* mu ɛ,+Sɛ wode me rehintaw akosi sɛ w’abufuw bɛsan,Na sɛ worehyɛ me da+ na woakae me ɛ!+ 14  Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?+M’afiase nna* nyinaa mɛtwɛn+Akosi sɛ me home bɛba.+ 15  Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so.+Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma. 16  Nanso mprempren de, worekan m’anammɔn;+Wonhwehwɛ hwee sɛ me bɔne nko.+ 17  Woasɔ m’atuatew ano wɔ bɔtɔwa mu,+Na woatare me mfomso ano. 18  Bepɔw mpo dwiriw gu, na efi hɔ,Na ɔbotan nso tutu fi ne sibea. 19  Nsu hohoro abo kɔ;Eyiri na ɛhohoro asase so dɔte kɔ.Saa na wosɛe ɔdesani anidaso. 20  Wutintim no so daa ma otwa mu kɔ;+Wosakra n’anim, na wuyi no fi hɔ. 21  Sɛ wɔhyɛ ne mma anuonyam a, onnim ho hwee;+Wɔbrɛ wɔn ase a, onhu ho hwee. 22  Bere a ne honam wɔ ne ho nko na ɔte yaw,Na bere a ne kra wɔ ne mu na odi awerɛhow.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Kasakoa a wɔde ka owu ho asɛm.