Hiob 15:1-35

15  Ɛnna Elifas a ofi Teman no buae sɛ:   “Onyansafo de nimdeɛ hunu bebua nsɛm?+Anaasɛ ɔde apuei mframa bɛhyɛ ne yam?+   Animka nsɛm renkosi hwee,Na mfaso biara remma nsɛnkeka hunu so.   Wo de, woma Onyankopɔn anim suro mu gow,Na wobrɛ Onyankopɔn ho nsusuwii ase.   Wo mfomso na ɛkyerɛ w’ano kwan,Na anitefo tɛkrɛma na woafa.   W’ano na ebu wo fɔ, na ɛnyɛ me;Na w’ankasa ano na edi tia wo.+   Wone onipa a wodii kan woo no?+Anaasɛ ansa na nkoko reba no,+ na wɔawo wo?   Onyankopɔn ne wo di atirimsɛm anaa,+Na ɛyɛ wo sɛ wo nkutoo ne onyansafo?   Dɛn koraa na wunim a yɛn nso yennim?+Na ntease bɛn na wowɔ a yenni bi? 10  Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn mu,+Nea wanyin sen wo papa mpo. 11  Onyankopɔn awerɛkyekye na esua w’ani so,Anaa asɛm a wɔne wo ka no bɔkɔɔ no? 12  Adɛn nti na wo koma ahoman,Na adɛn na w’ani so ayɛ hyew? 13  Onyankopɔn na wodan wo honhom tia no,Na woma nsɛm puepue fi w’anom. 14  Ɔdesani ne hena a ne ho bɛtew,+Na nea ɔbea awo no ne hena a ɔbɛteɛ? 15  Hwɛ! N’akronkronfo mpo, onni wɔn mu gyidi,+Na ɔsoro nso, ɛho ntew n’ani so.+ 16  Na nea ɔyɛ akyide na waporɔw de, obebu no dɛn,+Onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu! 17  Mɛpae mu aka akyerɛ wo. Tie me!+Eyi na mahu, enti ma menka, 18  Mɛka nea anyansafo+ de wɔn ano akaA wɔamfa ansie, nea wɔte fii wɔn papanom hɔ no. 19  Wɔn nkutoo na wɔde asase no maa wɔn,Na ɔhɔho biara antwam wɔn mu. 20  Ɔdebɔneyɛfo hu aninyanne ne nna nyinaa,Mfe dodow a wɔde asie ama otirimɔdenfo no. 21  Ɔte akomatusɛm n’asom;Asomdwoe bere mu na ɔsɛefo ba no so.+ 22  Onnye nni sɛ obefi sum mu afi,+Na nkrante wɔ hɔ ma no. 23  Ɔnenam hwehwɛ aduan​—ɛhe na ɛwɔ?+Onim sɛ esum da+ abɛn no. 24  Ahohia ne ahoyeraw na ehunahuna no;+Ɛtow hyɛ no so sɛ ɔhene a wayɛ krado rekɔko. 25  Efisɛ ɔteɛ ne nsa tia Onyankopɔn,Na ɔyɛ ne ho sɛ ɔkorɔn sen ade nyinaa so Tumfoɔ no;+ 26  Ɔsen ne kɔn ne no di asi;Ɔde n’akyɛm akyi apɔwapɔw no; 27  Ɔde srade kata n’animNa ɔma n’asen dɔ srade,+ 28  Nkurow a ɛbɛyera mu na ɔtena;Afie a nnipa rentena mu daaA ɛbɛdan abokuw. 29  Ɔrennya ne ho, na n’ahode rennɔɔso,Na ɔrentrɛw n’agyapade mu wɔ asase so.+ 30  Ɔremfi sum mu;Ogyaframa bɛma ne nnubaa akyenkyen,Na N’anom mframa bɛpra no akɔ.+ 31  Mma onnnya ahuhude mu gyidi na annaadaa no,Efisɛ ahuhude ara na obenya afi mu; 32  Ne bere renso na aba mu.Na ne duforo renyɛ frɔmfrɔm.+ 33  Ɔbɛporow n’aba bun agu sɛ bobe,Na watwa ne nhwiren agu sɛ ngodua. 34  Efisɛ awaefo guabɔ rensow aba,+Na ogya na ɛbɛhyew adanmudegyefo ntamadan.+ 35  Wonyinsɛn bɔne na wɔwo mmusu,+Na wɔn yafunu na esiesie nnaadaa.”

Ase Hɔ Nsɛm