Hiob 16:1-22

16  Ɛnna Hiob kae sɛ:  “Mate nsɛm a ɛtete sɛɛ bebree.Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!+   Nsɛnkeka hunu nni awiei?+Na dɛn na epiapia mo ma mubua nsɛm?   Me nso metumi akasa sɛ mo.Sɛ mo kra wɔ faako a me kra wɔ a,Enti anka mɛka nsɛnkɛse saa atia mo,+Na anka mɛwosow me ti agu mo so?+   Anka mede m’anom nsɛm bɛhyɛ mo den mmom,+Na anka m’anom awerɛkyekyesɛm bedwudwo mo yaw​—.   Sɛ mekasa a, me yaw no nnyae,+Na mankasa nso a, dɛn na ebefi me ho akɔ?   Nanso mprempren de, wahyɛ me brɛ;+Wama wɔn a wɔne me hyia nyinaa ayera.   Woayere me, na abɛyɛ adanse;+M’ahohia na edi tia me. Edi adanse wɔ m’anim.   N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+Ɔtwɛre ne sẽ gu me so.+Me tamfo apɔkye n’ani hwɛ me.+ 10  Wɔabue wɔn anom hoo hwɛ me,+Wɔde ahohorabɔ abɔ me sotɔre,Wɔaboaboa wɔn ano bebree atu aba me so.+ 11  Onyankopɔn ayi me ahyɛ mmarimaa nsa,Na wapia m’atiko ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.+ 12  Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosow me;+Osoo me kɔn akyi, na obubuu me pasaa;Watu n’ani asi me so. 13  N’agyantofo+ twa me ho hyia;Ohwirew m’asaabo+ mu a onhu me mmɔbɔ;Ohwie me bɔnwoma gu fam. 14  Mayɛ sɛ ɔfasu a ɔde nkakrankakra tutu mu ntokuru.Ɔtow ba me so sɛ ɔdɔmmarima.+ 15  Mapam atweaatam+ akata me ho,Na matow m’anuonyam agu dɔte mu.+ 16  Osũ ama m’anim ayɛ kɔɔ,+Na sum kabii akata m’ani akyi,+ 17  Ɛwom sɛ bɔne biara nni me nsam,Na me mpaebɔ nso ho tew.+ 18  O asase, nkata me mogya so!+Na mma me sufrɛ nnnya atenae! 19  Afei nso, hwɛ! nea ɔredi me ho adanse no te soro,Na me dansefo wɔ sorosoro.+ 20  Me nnamfo ayɛ akasamafo atia me;+Onyankopɔn na m’aniwa si pɛ twɛn no.+ 21  Asɛm a wobebua yi yɛ ɔbarima ne Onyankopɔn ntam asɛm,Te sɛ onipa ba ne ne yɔnko ntam de ara pɛ.+ 22  Na me mfe kakraa bi na akaNa makɔ ɔkwan a merensan mma bio.+

Ase Hɔ Nsɛm