Hiob 17:1-16

17  “Me honhom abubu,+ me nkwa nna ahi;Asiei wɔ hɔ ma me.+   Afɛwdifo na wɔatwa me ho ahyia,+Na m’ani tua wɔn atuatew no.   Mesrɛ wo, kora m’awowade so.+Hena na obekyia me nsam+ de adi agyinam?   Wode nhumu ahintaw wɔn koma.+Ɛno nti na womma wɔn so no.   Obi tumi ka kyerɛ nnamfo sɛ wommegye wɔn kyɛfa,Bere a nea ne mma ani da so mpo bɔ wɔn.+   Ɔde me ayɛ aman akasabebu,+Na mayɛ onipa a wɔtetew ntasu gu n’anim.+   Ahometew ama m’aniwa ayɛ kusukusu,+Me honam akwaa nyinaa ayɛ sɛ sunsuma.   Teefo de ahodwiriw hwɛ,Na nea odi bem nso bo fuw ɔwaefo.   Ɔtreneeni bata ne kwan+ ho daa,Na nea ne nsa ho tew+ kɔ so nya ahoɔden.+ 10  Mo nyinaa, momfa mmra bio. Montoa so ɛ,Na me de, minhu onyansafo biara wɔ mo mu.+ 11  Me de, me nna atwam kɔ,+ me nsusuwii agye agu,+Ade a me koma pɛ no. 12  Wɔde adesae si adekyee ananmu+ na wɔka sɛ:‘Hann abɛn nea esum wɔ.’ 13  Sɛ mekɔ so twɛn mpo a, Adamoa* na ɛbɛyɛ me fie;+Esum+ mu na mɛsɛw me kɛtɛ. 14  Mɛfrɛ amoa sɛ,+ ‘Me papa ne wo!’Na mafrɛ mmoawa sɛ,+ ‘Me maame ne me nuabea!’ 15  Na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ?+M’anidaso​—hena na wahu? 16  Ebesian akɔ Adamoa adaban mu,Bere a me ne m’anidaso nyinaa besian akɔ dɔte mu no.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.