Hiob 18:1-21

18  Ɛnna Bildad a ofi Suha no buae sɛ:   “Da bɛn na mode mo nsɛm bɛba awiei?Ɛsɛ sɛ munya ntease, ansa na yɛatoa so akasa.   Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ mmoa+Na muhu yɛn mo ani so sɛ yɛn ho ntew?   Woyɛ obi a ɔtetew ne kra pasaa, n’abufuw mu.Wo nti wɔbɛpo asase?Anaa ɔbotan betutu afi ne sibea?   Ɔbɔnefo de, ne kanea bedum+Na ne gyaframa renhyerɛn.   Hann beduru sum, ne ntamadan mu,+Na emu kanea mpo bedum.   N’anammɔn mu ahoɔden begow.N’agyinatu mpo beyi no ahwe hɔ.+   N’ankasa nan na ɛde no bɛkɔ asau mu,Na atena mu na obetutu ne nan akɔ.+   Afiri beso ne nantin;+Ɔbɛka aguaa+ mu. 10  Wɔde ahama ahintaw asase mu retwɛn no,Na wɔasum afiri ahintaw ne kwan so. 11  Nea ɔbɛfa biara, ahude ma ɔbɔ piriw,+Na ɛtaa no so, n’anammɔn akyi. 12  Ɔkɔm ama n’ahoɔden asã,Na amanehunu+ ayɛ krado sɛ ɛbɛma watɔ agu ne nan so. 13  Owu abakan bedi ne honam;Ɛbɛwe n’akwaa. 14  Wobeyi n’ahotoso afi ne ntamadan mu,+Na ɛbɛtwe no akɔ ahude hene anim. 15  Biribi a ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntamadan mu;Wɔde sufre+ bɛpete ne tenabea. 16  Ne ntini bewu wɔ fam,+Na ne mmaa nso beguan wɔ soro. 17  Ne nkae mpo, ɛbɛyera afi asase so,+Na wɔremmɔ ne din bio abɔnten so. 18  Wobepia no afi hann mu akɔ sum mu,Na wɔapam no afi asase so. 19  Ɔrennya mma ne asefo wɔ ne nkurɔfo mu,+Na obiara renka wɔ faako a obetu akɔtena. 20  Ne da du a, Atɔefo de ahodwiriw bɛhwɛ,Na ehu bekita Apueifo nso. 21  Eyi na ɛbɛba ɔbɔnefo tenabea so,Na eyi ne nea onnim Onyankopɔn no tebea.”

Ase Hɔ Nsɛm