Hiob 19:1-29

19  Ɛnna Hiob buae sɛ:  “Mobɛteetee me kra+ akosi da bɛn,Na mode nsɛm bebubu me+ akosi da bɛn?   Mpɛn du ni na moaka m’anim;Ɛnyɛ mo aniwu sɛ mode mo ani asi me so.+   Sɛ madi mfomso+ mpo a,Me ara me so na me mfomso bɛda.   Sɛ moma mo ho so tia me,+Na mokyerɛ sɛ m’ahohora fata me a,+   Ɛnde munhu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na wadaadaa me,Na ɔde n’atena abua me so.+   Hwɛ! Meteɛm sɛ: ‘Asɛm ato me!’ nanso obiara nnye me so;+Meteɛm sɛ wɔmmoa me, nanso wommu atɛntrenee.+   Ɔde abo fasu asiw me kwan,+ na mantumi antra;Na ɔde sum akata m’atempɔn so.+   Wagye m’anuonyam afi me nsam,+Na wayi me ti so abotiri kɔ. 10  Ɔtwe me hwe afã nyinaa, na meyera;Na otutu m’anidaso sɛ dua. 11  N’abufuw nso huru wɔ me so,+Na obu me sɛ ne tamfo daa. 12  N’asraafo bom ba, na wɔbɔ me ho nsra;+Wotwa me ntamadan ho hyia. 13  Wayi m’ankasa me nuanom afi me ho kɔ akyirikyiri,+Na wɔn a wonim me no, wɔatwe wɔn ho afi me ho. 14  Nnipa a wɔbɛn me nni hɔ bio,+Na wɔn a minim wɔn mpo werɛ afi me; 15  Ahɔho a wɔtete me fie+ nnim me bio; na me mmaawa mpo bu me ɔnanani;Mayɛ ɔmamfrani wɔn ani so. 16  Mefrɛ m’akoa, nanso onnye me so.Mibue m’ano mesrɛ no sɛ onhu me mmɔbɔ. 17  M’ahome mpo bɔn me yere,+Na me maame yafumma nso, wɔmpɛ me ho hua. 18  Mmarimaa nso apo me;+Nea ehia ara ne sɛ mɛsɔre, na wɔafi ase rekasa tia me. 19  Mmarima a me ne wɔn bɔ nyinaa kyi me,+Na wɔn a medɔ wɔn asɔre atia me.+ 20  Me were ne me honam asa ma aka nnompe;+Me ne owu bɔ mpunimpu.* 21  Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, O me nnamfo,+Na Onyankopɔn na ɔde ne nsa aka me.+ 22  Adɛn nti na moretan m’ani sɛ Onyankopɔn,+Na me honam mmee mo? 23  O sɛ anka wɔrekyerɛw me nsɛm ato hɔ ɛ!O sɛ anka wɔrekyerɛw wɔ nhoma mu ɛ! 24  Sɛ anka wɔde dade kyerɛwdua ne sumpii rekyerɛw+Agu ɔbotan ho ma atena hɔ daa ɛ! 25  Me de, minim sɛ me gyefo+ te ase,Na mekɔ a, ɔbɛsɔre agyina+ dɔte so. 26  Sɛ wɔworɔw me honam wie a,​—nea ɛbɛyɛ ni!Bere a me honam asa awie mpo no, mehu Onyankopɔn; 27  Ɔno na me ara mehu no,+M’aniwa na mede behu no, na ɛnyɛ ɔhɔho bi de.M’asaabo a ɛwɔ me mu asa. 28  Na moka sɛ, ‘Dɛn nti na ose yɛretan n’ani?’+Na mokyerɛ sɛ asɛm no fi me ara. 29  Munsuro nkrante,+Efisɛ nkrante na wɔbɛma so atia mfomso,Na moahu sɛ ɔtemmufo bi wɔ hɔ.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne, “Me sẽ ho were na mede fii mu fii.”