Hiob 2:1-13

2  Ɛno akyi no, ɛbae sɛ da bi, nokware Nyankopɔn mma no begyinagyinaa Yehowa anim, na Satan nso fraa wɔn mu bae, begyinaa Yehowa anim bi.+  Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi bae yi?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne ɛso anantenantew na mereba.”+  Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Woregyigye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdi* mu besi sesɛɛ.”+  Ɛnna Satan+ buaa Yehowa sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.+  Sɛ wopɛ a, fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Ɔno ni, ɔhyɛ wo nsa! Ne kra nko na hwɛ wo ho yiye wɔ ho!”  Ɛnna Satan fii Yehowa anim kɔe,+ na ɔde mpɔmpɔ+ yayaayaw kɔbobɔɔ Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.  Na ɔfaa kyɛmfɛre a ɔde behuan ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+  Ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara kura wo mũdi mu?+ Dome Onyankopɔn na wu!” 10  Ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛnea mmea a wonni ti+ kasa no, saa na wo nso wokasa. Yennye nea eye nkutoo mfi nokware Nyankopɔn no nkyɛn na adebɔne de yɛmpo?”+ Eyi nyinaa mu no, Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.+ 11  Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so nyinaa, na wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Elifas a ofi Teman,+ Bildad a ofi Suha,+ ne Sofar a ofi Naama.+ Wɔyɛɛ nhyehyɛe hyiaam+ sɛ wɔrebegyam no na wɔakyekye ne werɛ.+ 12  Bere a wɔwɔ akyirikyiri a wɔmomaa wɔn ani so huu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno. Na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wɔn mu biara suan+ n’atade nguguso mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ soro guu wɔn atifi.+ 13  Na wɔne no tenatenaa+ fam nnanson, adekyee ne adesae, na obiara anka asɛm biara ankyerɛ no, efisɛ wohui sɛ na ɛyaw+ no mu yɛ den yiye.

Ase Hɔ Nsɛm

Efi Hebri asɛmfua tom/tumma mu; nea ɛkyerɛ ne sɛ obi abrabɔ anaa ne koma di mu.