Hiob 20:1-29

20  Ɛnna Sofar a ofi Naama no buae sɛ:   “Eyi nti na m’adwene kasa kyerɛ me,Me ho a ɛpere me nti.   Mate nteɛso a wɔde asopa me;Na honhom a enni me ntease no bi na ebua me.   Enti wunnim eyi fi tete,Fi bere a wɔde onipa too asase so,+   Sɛ́ nnebɔneyɛfo ahurusi dwom nkyɛ,+Na ɔwaefo ahurusidi yɛ bere tiaa bi?   Sɛ ne kɛseyɛ kodu ɔsorosoro,+Na ne ti kɔka omununkum mpo a,   Ɔbɛyera koraa sɛ n’agyanan a akyenkyen;+Wɔn a bere bi na wohu no no bebisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’+   Obetu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no;Wɔbɛpam no sɛ anadwo adehu.+   Aniwa a ehuu no no renhu no bio,+Na ne tenabea nso renhu no bio.+ 10  N’ankasa ne mma bɛhwehwɛ abrɛfo anim dom,Na ne nsa na ɛbɛsan de n’ahonyade akɔ nea efi.+ 11  Ne mmeranteberem ahoɔden ahyɛ ne nnompe mã,Nanso dɔte mu na ɛne no bɛkɔ akɔda.+ 12  Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,Na ɔma ɛnan wɔ ne tɛkrɛma ase, 13  Sɛ ɔma ɛyɛ no dɛ na wannyae mu,Na wanyi amfi ne dodom a, 14  Wɔbɛsesã n’aduan mpo wɔ ne nsono mu;Ɛbɛyɛ sɛ ɔprammiri bɔre wɔ ne mu. 15  Wamemene ahode, nanso ɔbɛfe aba;Onyankopɔn beyi afi ne yam aba. 16  Ɔprammiri bɔre na obefew;Ahurutoa tɛkrɛma na ebekum no.+ 17  Ɔrenhu asuten da,+Ɛwo ne bɔta nsuwansuwa a ɛrebu fa so no. 18  Ɔbɛdan nea wabrɛ anya ama nkurɔfo, na ɔremmene;Ɛbɛyɛ sɛ sika a onya fi n’aguadi mu, nanso ɔrenni mmee.+ 19  Efisɛ wayɛ nkurɔfo pasaa, na wapo abrɛfo;Wagye ofie a ɛnyɛ ɔno na osii.+ 20  Ne yam rennwo no da;N’ahonyade rentumi nnye no.+ 21  Biribiara renka mma ɔmmene;Ɛno nti na ne yiyedi rennyina. 22  Bere a ɔwɔ ne biribiara no, adwennwen bɛda no so;+Mmusu nyinaa bi bɛba no so. 23  Ɛmmra sɛ, sɛ ɔrepɛ biribi ahyɛ ne yafunu mã a,Onyankopɔn mfa n’abufuhyew mmra no so;+Onhwie ngu no so na ɛnkɔ ne nsono mu. 24  Obeguan+ afi dade akode ano;Kɔbere agyan na ebehwirew no mu. 25  Peaw behwirew n’akyi,Na akode hyɛnhyɛn bɛwɔ ne bɔnwoma mu;+Nneɛma a ɛyɛ hu na ebedi n’akyi.+ 26  Wɔbɛkora esum nyinaa so ama n’ademude;Ogya a obiara mfita mu na ɛbɛhyew no;+Obiara a waka wɔ ne ntamadan mu no, ɛrensi no yiye. 27  Ɔsoro bɛda ne mfomso adi,+Na asase bɛsɔre atia no. 28  Osu a ano yɛ den bɛpra ne fie akɔ;Wobehwie nneɛma nyinaa bi, n’abufuw da no.+ 29  Eyi ne ɔdebɔneyɛfo kyɛfa a efi Onyankopɔn hɔ,+N’agyapade a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama no.”

Ase Hɔ Nsɛm