Hiob 21:1-34

21  Ɛnna Hiob buae sɛ:  “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yiye,Na momma eyi nkyekye mo werɛ.   Montɔ mo bo ase mma me na merebɛkasa;Na sɛ mekasa wie a, mo mu biara betumi adi fɛw.+   Me de, onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?Sɛ saa a, anka me honhom ho rempere no anaa?   Monnan mo ani nhwɛ me, momfa ahodwiriw nhwɛ me,Na momfa mo nsa nto mo ano.+   Sɛ mekae eyi a, ɛhaw me,Na me ho popo nso.   Dɛn nti koraa na abɔnefo kɔ so tena ase,+Wonyin kyɛ, na wonya wɔn ho kɛse?+   Wɔn mma ase tim wɔ wɔn ani so,Na wɔn asefo ase tim wɔ wɔn anim.   Wɔn afie mu, asomdwoe nkutoo, na akomatu biara nni hɔ;+Onyankopɔn abaa nso nni wɔn so. 10  Wɔn anantwinini wo, wɔn ho nsu nsɛe kwa;Wɔn anantwibere wo,+ na wɔmpɔn. 11  Wɔma wɔn mma fi adi sɛ nguankuw,Na wɔn mma huruhuruw. 12  Wɔde mpintin ne asanku bɔ dwom,+Na abɛn nnyigyei ma wodi ahurusi. 13  Wogye wɔn ani wɔn nkwa nna mu;+Afei nso wosian kɔ Adamoa* mu afrɛ so. 14  Wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn no sɛ, ‘Fi yɛn nkyɛn kɔ!+Na yenni anigye biara wɔ w’akwan ho nimdeɛ mu.+ 15  Ade nyinaa so Tumfoɔ no yɛ hena a ɛsɛ sɛ yɛsom no,+Na sɛ yɛne no di nkitaho a, dɛn na yenya fi mu?’+ 16  Hwɛ! Wɔn yiyeyɛ nni wɔn nsam.+Me ne nnebɔneyɛfo agyinatu ntam kwan ware.+ 17  Mpɛn ahe na nnebɔneyɛfo kanea dum,+Na mpɛn ahe na amanehunu to wɔn?Mpɛn ahe na ɔde n’abufuw ba wɔn so bɛsɛe wɔn?+ 18  Wɔte sɛ sare wɔ mframa ano anaa?+Anaasɛ wɔte sɛ ntɛtɛwa a osuframa huw kɔ? 19  Amanehunu na Onyankopɔn bɛkora so ama ɔdebɔneyɛfo mma;+Obetua no so ka ma wahu.+ 20  N’aniwa behu ne sɛe,Na ɔbɛnom ade nyinaa so Tumfoɔ no abufuw.+ 21  Dɛn na ɛbɛyɛ no anigye wɔ ne fie, ne kɔ akyi,Bere a wɔatwa n’asram so no?+ 22  Obetumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn,+Bere a Ɔno na obu atitiriw atɛn no?+ 23  Oyi na obewu wɔ ne yiyedi kɛse mu,+Bere a n’asom adwo no koraa na ɔte hɔ dwoodwoo no; 24  Bere a n’asrɛ adɔ srade,Na ne nnompe mu hon ayɛ sɔkyee no. 25  Na obi nso de, owu wɔ ne kra awerɛhow muBere a onnii nneɛma pa.+ 26  Wɔn nyinaa, dɔte mu na wɔbɛkɔ akɔda,+Na mmoawa na ɛbɛkata wɔn so.+ 27  Hwɛ! Minim mo adwene nyinaaNe adwemmɔne a moanya wɔ me ho no.+ 28  Efisɛ mubisa sɛ, ‘Otitiriw fie wɔ he,Na nnebɔneyɛfo ntamadan, wɔn tenabea no wɔ he?’+ 29  Mummisaa wɔn a wɔkɔ kwan so no anaa?Na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monhwɛɛ no yiye? 30  Munhui sɛ ɔbɔnefo fa ne ho di amanehunu da?+Na wogye no abufuw da? 31  Hena na ɔbɛka ne kwan ho asɛm asi n’anim?+Na nea wayɛ no, hena na obetua no so ka?+ 32  Ɔno de, ɔdamoa mu na wɔde no bɛkɔ,+Na wobesi pɛ wɔ ne da so. 33  Subon dɔtetɔw mu bɛyɛ no dɛ,+Na ɔbɛtwe adesamma nyinaa adi n’akyi,+Na wɔn a wodii n’anim no dodow nni ano. 34  Hwɛ sɛnea mo awerɛkyekye no yɛ adehunu+Na mo nsɛm no yɛ nkontompo nko ara!”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.