Hiob 22:1-30

22  Ɛnna Elifas a ofi Teman no buae sɛ:   “Ɔbarima so wɔ mfaso ma Onyankopɔn?+Anaa nea ɔwɔ nhumu so wɔ mfaso ma no?   Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, ɛma ade nyinaa so Tumfoɔ no ani gye anaa,+Na mfaso bi wɔ so ma no sɛ wo kwan yɛ pɛ?+   Wo nyamesuro nti ɔbɛka w’anim?Anaa ɔne wo bedi asɛm?+   Wo bɔne mmoroo so dedaw?+Na worennyae wo mfomso no anaa?   Wugye awowa fi wo nuanom nkyɛn kwa,+Na wɔn a wɔda adagyaw mpo, wopa wɔn ho ntama.   Womma nea wabrɛ nsu nnom,Na nea ɔkɔm de no nso, womma no aduan.+   Ɔbarima hoɔdenfo de, asase no yɛ ne dea,+Na nea wɔyɛ animhwɛ di ma no na ɔtena so.   Woma akunafo de nsapan kɔ,Na nnyanka nso, woma wɔn nsam gow.+ 10  Ɛno nti na nnomaa mfiri atwa wo ho ahyia,+Na akomatusɛm a ɛba mpofirim hunahuna wo no; 11  Ɛno nti na esum ato wo na wunhu ade,Na nsu pii abu afa wo so no. 12  Onyankopɔn nkorɔn sɛ ɔsoro anaa?+Na afei hwɛ nsoromma nyinaa,+ sɛnea ɛwɔ sorosoro. 13  Nanso woka sɛ: ‘Dɛn koraa na Onyankopɔn nim?Obetumi afi sum kabii mu abu atɛn anaa? 14  Omununkum akata no so, na onhu ade,Ɔsoro kontonkron so na ɔnantew.’ 15  So wobɛfa tete kwan so,Ɔkwan a amumɔyɛfo faa so no? 16  Nnipa a wohwim wɔn kɔ ansa na wɔn bere aso,+Wɔn a wohwie wɔn fapem+ gu sɛ asuten; 17  Wɔn na wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn sɛ: ‘Fi yɛn nkyɛn kɔ!+Dɛn na ade nyinaa so Tumfoɔ no betumi ayɛ yɛn?’ 18  Nanso ɔno na ɔde nneɛma pa ahyɛ wɔn afie ma.+Me ne nnebɔneyɛfo agyinatu ntam kwan ware.+ 19  Treneefo behu na wɔadi ahurusi,+Na nea ne ho nni asɛm bedi wɔn ho fɛw sɛ: 20  ‘Ampa ara wɔapopa yɛn atamfo afi hɔ;Na wɔn biribiara a aka nso, ogya bɛhyew.’ 21  Fa wo ho bɔ no ɛ, na asomdwoe mmra mo ntam;Ɛno bɛma woanya nneɛma pa. 22  Bɔ mmɔden gye mmara a efi n’anom,Na fa ne nsɛm hyɛ wo koma mu.+ 23  Sɛ wosan ba ade nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn a,+ ebesi wo yiye;Sɛ wubeyi amumɔyɛ afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri, 24  Na wode sika amapa ahyɛ dɔte mu,Na wode Ofir sika+ ahyɛ nsu ase abotan mu a, 25  Anka ade nyinaa so Tumfoɔ no nso bɛyɛ sika amapa,Ne dwetɛ amapa ama wo.+ 26  Ɛno na wubenya ade nyinaa so Tumfoɔ no mu abotɔyam,+Na Onyankopɔn na wobɛma w’ani so akyerɛ no.+ 27  Anka wobɛsrɛ no, na obetie wo,+Na wo bɔhyɛ ade nso, wubetua.+ 28  Wobɛbɔ wo tirim, na ɛbɛba mu ama wo,Na w’akwan nso, hann bɛhyerɛn wɔ so.+ 29  Nanso sɛ wokasa ahantan so a, ɔbɛbrɛ wo ase;+Na ɔhobrɛasefo de, obegye no nkwa.+ 30  Obegye nea ne ho nni asɛm,+Na wo nsa ho a ɛtew nti, wobegye wo.”+

Ase Hɔ Nsɛm