Hiob 23:1-17

23  Ɛnna Hiob buae sɛ:  “Ɛnnɛ de, m’adwennwen+ ama madan otuatewfo;Na m’apinisi nti, me basa mu agow.   O sɛ anka minim faako a mehu no ɛ!+Anka mɛkɔ ne tenabea hɔ.+   Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,Na mede nsɛm pii ayi me ho ano;   Anka mehu nsɛm a ɔde bebua me,Na masusuw nea ɔbɛka akyerɛ me ho.+   Anka ɔde n’ahoɔden dodow no ne me bedi asi anaa?Dabida! Anka tie na obetie me.+   Ɛhɔ na teefo ne Onyankopɔn besiesie nsɛm,Na medi bem wɔ me temmufo anim afebɔɔ.   Hwɛ! Mekɔ apuei, nanso onni hɔ;Mesan m’akyi, nanso minhu no;+   Mekɔ benkum, faako a ɔyɛ adwuma, nanso m’aniwa nhu no;Ɔman fa nifa, nanso minhu no. 10  Ɔno de, onim ɔkwan a menam so.+Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho befi sɛ sika.+ 11  Me nan tintim n’anammɔn mu;Ne kwan so na mefa, na mentere ho.+ 12  N’anom mmara, mentwe me ho mfi ho.+Mede n’anom nsɛm asie+ asen nea ɔhwehwɛ fi me hɔ nyinaa. 13  N’adwene si pi, hena na obetumi asɔre atia no?+Na nea ne kra pɛ no, ɔbɛyɛ.+ 14  Efisɛ nea wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa ɔbɛyɛ,+Na nneɛma a ɛtete saa de, ɔyɛ pii. 15  Ɛno nti na mahaw wɔ n’anim yi;Midwennwen ho a, na misuro no.+ 16  Ampa ara, Onyankopɔn ama me koma abotow,+Na ade nyinaa so Tumfoɔ no ama mahaw.+ 17  Esum mma menyɛɛ dinn,Na sum kabii nkataa m’anim.

Ase Hɔ Nsɛm