Hiob 24:1-25

24  “Dɛn nti na ade nyinaa so Tumfoɔ no nhyɛɛ atemmu bere ntoo hɔ,+Na wɔn a wonim no nso nhuu ne nna?+   Ebinom piapia ahye;+Wohwim mmoakuw, na wɔyɛn wɔn.   Wɔpam nnyanka mfurum;Wogye okunafo nantwi awowa.+   Wopia ohiani fi kwan so;+Asase so mmɔborɔni nso de ne ho hintaw.   Hwɛ! Sɛnea sare so afurum+ nenam no,Saa na ofi adi kɔ ne nnwuma so kɔpɛ aduan.Na anhwea pradada so na onya aduan ma ne mmarimaa.   Mfuw mu na otwa mmoa aduan,Na nnebɔneyɛfo bobeturo mu na ɔfom nnɔbae ase.   Ɔde adagyaw na ɛda, onni ntama,+Na hwee nkata ne ho wɔ awɔw+ mu.   Mmepɔw so osutɔ kɛse fɔw no,Na guankɔbea a enni hɔ nti,+ ɔbotan ho na ɔfam.   Wohwim nnyanka fi nufu ano,+Na nea efura mmɔborɔni nso, wogye no awowa.+ 10  Ɔnenam adagyaw mu, onni ntama,Na ɔkɔm a ɛde no nti, ɔsoasoa mmɛtem a aka ase.+ 11  Abo ntam na ɔte awiabere;Otiatia nsã-kyi-amoa mu, nanso osukɔm de no.+ 12  Kurow no mu na wɔn a wɔrewu no si apini ma wɔte wɔ akyi hɔ,Na wɔn a wɔapirapira wɔn nso akra teɛm hwehwɛ mmoa;+Nanso Onyankopɔn de, ɛmfa no ho.+ 13  Abɔnefo atew atua atia hann;+Wɔanhu n’akwan,Na wɔantena n’atempɔn so. 14  Owudifo sɔre awiabere,Okum mmɔborɔni ne ohiani;+Na edu anadwo a, ɔdan ɔkorɔmfo.+ 15  Ɔwaresɛefo aniwa de,+ nea ɛtwɛn ara ne sɛ esum beduru anwummere,+Ɔka sɛ: ‘Aniwa biara renhu me!’+Na ɔde nkataanim kata n’anim. 16  Ɔkorɔmfo tutu nkurɔfo dan ase anadwo;Ɔto ne ho pon mu awiabere.Onhu hann da.+ 17  Anɔpa ayɛ sɛ sum kabii+ ama no,Efisɛ onim sɛ esum kabii mu ahude betumi aba mpofirim. 18  Nsu twe no kɔ ntɛmntɛm.Wɔbɛdome n’asase a ɔte so wɔ wiase.+Ɔrennan nkɔ bobeturo mu. 19  Ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma nsu kɔ;Saa na Adamoa* yɛ wɔn a wɔyɛ bɔne!+ 20  Awotwaa werɛ befi no, na mmoawa betu agu no so adi ne nam,+Wɔrenkae no bio.+Na amumɔyɛ bebubu sɛ dua.+ 21  Obonin a ɔnwo mpo, ɔyɛ no basabasa,Na okunafo+ nso, ɔnyɛ no yiye. 22  Onyankopɔn de ne tumi bɛtwe ahoɔdenfo akɔ;Wɔbɛsɔre, na wonnim nea wɔn nkwa bɛyɛ. 23  Ɔbɛma wɔanya ahotoso+ na wɔahyɛ wɔn ho den;Na n’aniwa bɛhwɛ wɔn akwan.+ 24  Wodu nea ɛkorɔn, na ɛyɛ kakra pɛ, na wonni hɔ bio,+Wɔbɛbrɛ wɔn ase;+ wɔbɛpempan wɔn sɛnea wɔyɛ obiara no,Na wobetwa wɔn agu sɛ awi mmɛtem. 25  Enti hena na ɔbɛka sɛ meyɛ ɔtorofoAnaa ɔbɛka sɛ nea mereka yi yɛ nsɛnhunu?”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.