Hiob 25:1-6

25  Ɛnna Bildad+ a ofi Suha no buae sɛ:   “Ɔno na tumidi wɔ no, na ne ho yɛ hu;+Ɔma asomdwoe ba ɔsorosoro hɔ.   Obi betumi akan n’asafodɔm anaa?Na hena na ne hann nhyerɛn wɔ no so?   Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa desani bedi bem wɔ Onyankopɔn anim?+Na ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔbea awo no ho bɛtew?+   Hwɛ! Ɔsram mpo, ɛnhyerɛn;Na nsoromma nso, ɛho ntew n’ani so.   Na onipa desani a ɔyɛ aboawa yi de, obebu no dɛn,Ɔdesani a ɔyɛ osunson+ kɛkɛ!”

Ase Hɔ Nsɛm