Hiob 26:1-14

26  Ɛnna Hiob buae sɛ:   “Ɔboa de, woaboa nea onni tumi ampa!Woagye nea onni ahoɔden ampa!+   Afotu de, wode bi ama nea onnim nyansa,+Na nyansa nso, woama nnipa bebree ahu bi!   Hena na worekasa akyerɛ no,Na hena ahome na efi wo mu fi?   Awufo mpo ho popoWɔ ɛpo ne emu ateasefo ase.+   Adamoa* da adagyaw n’anim,+Na ɔsɛe amoa nni nkataho.   Watrɛw atifi fam wɔ ahunmu,+Na ɔde asase asɛn nea hwee nni;   Wakyekyere nsu, omununkum mu,+Na omununkum no mpae wɔ ase;   Wakata ahengua no anim,Watrɛw ne mununkum+ mu akata so. 10  Watwa kontonkron wɔ nsu ani,+Faako a hann ne sum hyia. 11  Ɔsoro nnyinaso hinhim,Na n’animka ma ɛwosow. 12  Ɔde ne tumi hwanyan ɛpo,+Na ɔde ne ntease bubu onuɔdenfo*+ pasaa.+ 13  Ɔsoro de, ne mframa na ɔde tew hɔ,+Na ne nsa hwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare mu.+ 14  Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi,+Na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!N’aprannaa kɛse no de, hena na obetumi ate ase?”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Ɛbɛyɛ asuboa kɛse bi.