Hiob 27:1-23

27  Ɛnna Hiob san toaa n’akasabebu+ no so sɛ:   “Sɛ́ Onyankopɔn a wagye me bemdi afi me nsam+ no te ase,+Na ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔne me kra adi no nwenenwene+ no te ase yi,   Bere dodow a m’ahome da so wɔ me mu,Na Onyankopɔn honhom wɔ me hwene mu yi,+   M’ano renka amumɔyɛsɛm biara,Na me tɛkrɛma nso renka nnaadaasɛm biara!   Ɛmpare me sɛ mebu mo bem!+Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi* mu da!+   Mikura me trenee mu denneennen, na merennyaa mu;+Me koma rensopa me, me nkwa nna bi ho.+   Ma me tamfo nyɛ ɔdebɔneyɛfo,+ akwan nyinaa mu,Na nea ɔsɔre tia me no nyɛ omumɔyɛfo.   Ɔwaefo, sɛ Onyankopɔn twa no fi hɔ a, n’anidaso ne dɛn,+Sɛ ogye ne kra fi ne nsam a, n’anidaso ne dɛn?+   Sɛ ahohia ba no so a,Onyankopɔn betie ne sufrɛ?+ 10  Anaasɛ obenya anigye wɔ ade nyinaa so Tumfoɔ no ho?So ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa? 11  Menam Onyankopɔn nsa so bɛkyerɛkyerɛ mo;Meremfa ade nyinaa so Tumfoɔ no akwan nsie.+ 12  Hwɛ! Mo na moanya anisoadehu;Ɛnde dɛn nti na mudi ahuhusɛm yi?+ 13  Eyi ne ɔdebɔneyɛfo kyɛfa a efi Onyankopɔn hɔ;+Na atirimɔdenfo nsa bɛka wɔn agyapade afi ade nyinaa so Tumfoɔ no hɔ. 14  Sɛ ne mma dɔɔso mpo a, wɔwɔ hɔ ma nkrante;+Na n’asefo rennya aduan a ɛbɛso wɔn. 15  Ne ho nnipa a wɔbɛka no, owuyare mu na wobesie wɔn,Na wɔn akunafo rensu.+ 16  Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfutuma,Na osiesie n’atade sɛ dɔte mpo a, 17  Obesiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ,+Na dwetɛ no, nea ne ho nni asɛm na obedi. 18  Wasi ne fie sɛ abubummabaa,Na ɛte sɛ ɔsese+ a ɔwɛmfo abɔ. 19  Ɔrekɔda no na ɔyɛ ɔdefo, nanso ɔremmoaboa hwee ano;Obue n’aniwa, nanso hwee nni hɔ.+ 20  Mpofirim ahude bɛfa no sɛ nsu;+Ahum bewia no akɔ anadwo. 21  Apuei mframa bɛsoa no akɔ,+ na obefi hɔ;Ebetutu n’ase afi ne tenabea.+ 22  Ɛbɛbɔ aba no so, na ɛrenhu no mmɔbɔ;+Na guan ara na obeguan afi n’ahoɔden ho.+ 23  Obi bɛbɔ ne nsam agu no so+Na wabɔ hwirema+ agu no so wɔ ne tenabea hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Hio 2:3 ase hɔ asɛm.