Hiob 28:1-28

28  “Dwetɛ wɔ hɔ yi, ɛwɔ baabi a wotu no,Na sika nso wɔ baabi a wɔnan yiyi mu;+   Wonya dade fi dɔte mu,+Na wohwie kɔbere fi abo mu.   Onipa ma esum yera;Na ɔhwehwɛ baabiara+ pɛ ɔbo,Nea ɛhɔ yɛ kusuu, ne esum kabii mu.   Otu fagude amoa wɔ baabi a obiara nte,+Baabi a onipa werɛ afi, nea ɛmmɛn anammɔn biara;Nnipa bi sian kɔ mu, na wɔkɔsensɛn hɔ.   Asase wɔ hɔ yi, emu na aduan fi ba;+Nanso onipa dan ani butuw sɛnea ogya yɛ.   N’abo mu na hoabo+ wɔ,Na sikafuturu nso wɔ mu.   Ɔkɔre+ biara nnim saa kwan no,Na asansa+ aniwa nso nhui.   Wuram mmoa akɛse nan nsii so;Gyata nnantenantew so.   Onipa teɛ ne nsa so twɛrebo mu;Otutu mmepɔw ase; 10  Otwitwa nsuka wɔ abotan mu,+Na n’aniwa hu aboɔden nneɛma nyinaa. 11  Osisiw baabi a nsubɔnten fi ba,+Na oyi nea ahintaw ba hann mu. 12  Nanso nyansa de, ɛhe na ɛwɔ?+Na ntease nso, ɛhe na ne tenabea wɔ? 13  Onipa desani nhuu ne bo,+Na wonhu wɔ ateasefo asase so. 14  Subun ka sɛ,‘Enni me nkyɛn!’Ɛpo nso ka sɛ, ‘Enni me hɔ!’+ 15  Wɔrentumi mfa sika amapa nsesã,+Na wɔrentumi nkari dwetɛ ntua ka. 16  Wɔrentumi mfa Ofir sika+ ntua ka,Na sohambo a ɛho yɛ nã ne hoabo nso, wɔrentumi mfa ntua ka. 17  Wɔrentumi mfa sika ne ahwehwɛ ntoto ho,Na wɔrentumi mfa sika amapa anwenne biara nsesã. 18  Mmota+ ne hyerɛmmo mpo ne no nsɛ,Nanso nyansa kotoku mã bo yɛ den sen ahene kotoku mã.+ 19  Wɔrentumi mfa Kus akraatebo+ ntoto ho;Na sika amapa nso wɔrentumi mfa ntua ka. 20  Nanso nyansa​—ɛhe na efi,+Na ntease nso, ɛhe na ne tenabea wɔ? 21  Wɔde ahintaw ɔteasefo biara aniwa,+Na wɔde asie nnomaa a wotu fa wim. 22  Ɔsɛe amoa ne owu ka sɛ,‘Yɛn aso na ate ho asɛm.’ 23  Onyankopɔn na ɔte n’akwan ase,+Na ɔno na onim ne tenabea, 24  Ɔno na ohu asase ano nohoa;+Ohu ɔsoro ase baabiara, 25  Na ɔma mframa ahoɔden;+Nsu nso, ɔde ade susuw;+ 26  Bere a ɔhyɛɛ mmara maa osu,+Na otwaa kwan maa osuframa ne aprannaa no, 27  Ɛhɔ na ɔde n’aniwa huu nyansa, na ofii ase kaa ho asɛm;Osiesiei, na ɔhwehwɛɛ mu nso. 28  Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,‘Hwɛ! Yehowa suro​—ɛno ne nyansa,+Na bɔne ho fi ne ntease.’”+

Ase Hɔ Nsɛm