Hiob 29:1-25

29  Ɛnna Hiob san toaa n’akasabebu no so sɛ:   “O sɛ anka mete sɛnea na mete kan asram no ɛ,+Nna a na Onyankopɔn hwɛ me so no;+   Bere a ɔmaa ne kanea hyerɛn me ti so,Na mede ne hann nantew sum mu no;+   Sɛnea na mete wɔ me mmabunberem,+Na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;+   Bere a na ade nyinaa so Tumfoɔ no ka me ho,Na m’asomfo nyinaa atwa me ho ahyia no!   Bere a mitutuu m’anammɔn wɔ srade mu,Na ngo sen fii abotan mu sɛ asubɔnten maa me no;+   Bere a mekɔɔ kurow pon ho,+Na mede m’agua sii abɔnten no!+   Mmarimaa huu me, na wɔde wɔn ho hintawee;Nkwakoraa mpo sɔre gyinaa hɔ.+   Akunini nso gyaee kasa,Na wɔde wɔn nsa too wɔn ano.+ 10  Akannifo nne hintawee,Na wɔn tɛkrɛma fomfam wɔn dodom.+ 11  Aso mpo tee, na ɛfrɛɛ me anigye,Na aniwa nso hui, na edii me ho adanse. 12  Efisɛ migyee mmɔborɔni a osu frɛ ɔboafo,+Ne agyanka ne nea onni ɔboafo.+ 13  Nea ɔreyɛ awu nhyira+​—me so na ɛbae,Na memaa okunafo koma ani gyei.+ 14  Mifuraa trenee, na ɛkataa me ho.+Ná m’atemmu te sɛ atade nguguso ne abotiri. 15  Mebɛyɛɛ aniwa maa onifuraefo;+Na meyɛɛ apakye nso nan. 16  Meyɛɛ ahiafo agya;+Na nea minnim no no asɛm​—mehwehwɛɛ mu.+ 17  Mibubuu ɔbɔnefo abogye,+Na migyee mmɔborɔni fii ne sẽ ntam. 18  Ná meka sɛ, ‘Me berebuw mu na megyaa mu,+Na me nna bɛdɔɔso sɛ anhwea.+ 19  Me ntini mu abue ama nsu,+Na obosu nso atena me baa so anadwo. 20  M’anuonyam yɛ foforo,Na agyan a ɛwɔ me nsam no, mɛtow no ntoatoaso.’ 21  Me na wotiee me; wɔtwɛn me,Na wɔyɛɛ komm maa m’afotu.+ 22  M’ano si a, wɔnkasa bio,Me nsɛm sosɔ guu wɔn so.+ 23  Ná wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu,+Na wobuee wɔn anom maa osutɔ.+ 24  Meserew kyerɛɛ wɔn, na wɔannye anni,Na m’anim a ɛtew no,+ wɔammu no animtiaa. 25  Mepaw ɔkwan maa wɔn, na metenaa ase sɛ otitiriw;Metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ n’asraafo mu,+Meyɛɛ ɔwerɛkyekyefo maa wɔn a wodi awerɛhow.+

Ase Hɔ Nsɛm