Hiob 3:1-26

3  Ɛno akyi no, Hiob buee n’ano, na ɔdomee ne da.+  Nea Hiob kae ni:   “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,+Ɛne anadwo a obi kae sɛ, ‘Wɔanyinsɛn ɔbabarima’ no!   Saa da no, ma ɛnnan sum.Mma Onyankopɔn mmfi soro nnhwehwɛ akyi kwan,Mma adekyee hann nso nnhyerɛn wɔ so.   Ma esum ne esum kabii nnye mfa.Ma omununkum ntena so.Ma nea ɛma adekyee duru sum nhunahuna no.+   Saa anadwo no​—ma esum kabii mfa;+Mma ennnya anigye wɔ afe nna no mu;Mma wɔnnkan mmfra asram dodow no.   Hwɛ! Saa anadwo no​—ma ɛnyɛ obonin;Mma wɔnnto ahurusi dwom biara wom.+   Ma wɔn a wɔdome ɛda mmɔ no dua,Wɔn a wɔhwanyan ɔdɛnkyɛm*+ no.   Ma ahemadakye nsoromma nnuru sum;Ma ɛntwɛn hann nanso mma ɛmmma;Mma adekyee hann mmpue wɔ so. 10  Efisɛ antoto me maame yafunu apon mu,+Enti anyi ɔhaw amfi m’ani so. 11  Dɛn nti na manwu ɔyafunu mu?+Dɛn nti na mifi yafunu mu reba no, mannyaa mu? 12  Dɛn nti na nkotodwe behyiaa me,Na minyaa nufu+ numii? 13  Anka saa bere yi mada ma me ho adwo me;+Anka mada; anka meregye m’ahome;+ 14  Me ne ahene ne asase so afotufo,+Wɔn a wɔkyekye amamfõ fa,+ 15  Anaa me ne atitiriw a wɔwɔ sika,Wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛ wɔn afie mã; 16  Anaa te sɛ ɔba a wɔapɔn no ahintawee mu+ no, anka mamma,Te sɛ nkokoaa a wɔanhu hann da.+ 17  Ɛhɔ na nnebɔneyɛfo haw nni bio,+Ɛhɔ na wɔn a wɔn ahoɔden asa home.+ 18  Nneduafo nyinaa te hɔ dwoodwoo;Wɔnte nea opiapia wɔn kɔ adwuma+ no nne. 19  Ɛhɔ na nnipa akɛse ne nketewa nyinaa yɛ pɛ,+Na akoa ade ne ho afi ne wura nsam. 20  Dɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔmanehunufo,Na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra abotow?+ 21  Dɛn nti na ebinom twɛn owu nanso ɛmma,+Bere a wɔbɔre hwehwɛ no kyɛn akorade a ahintaw? 22  Wɔn a wɔn ani gye boro so no,Wonya anigye kɛse efisɛ wonya ɔdamoa. 23  Dɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw,+A Onyankopɔn aka no ahyem?+ 24  M’aduan anim na migu ahome,+M’apinisi hwie sɛ nsu;+ 25  Akomatusɛm a misuro no, ɛno na ɛba me so;Na nea ɛyɛ me hu na ɛto me.+ 26  M’asom nnwoo me, na me ho ntɔɔ me,Minnyaa ɔhome, nanso ahoyeraw ba ara.”

Ase Hɔ Nsɛm

Hebri mu, “Lewiatan.”