Hiob 30:1-31

30  “Afei de nkurɔfo reserew me,+Nnipa a manyin sen wɔn,+Wɔn a anka meremfa wɔn agyanomNto me nguankuw akraman mpo mu.   Wɔn nsam tumi no​—dɛn na ɛyɛ maa me?Ahoɔden biara nni wɔn mu.+   Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam,Na kwayow so na wodidi,+Baabi a nnɛra na ahum ne ɔsɛe wɔ.   Nkyenhaban na wɔtetewee wɔ wura mu,Na sisia nnua na ɛyɛɛ wɔn aduan.   Wɔpampam wɔn fii nnipa mu;+Nkurɔfo huroo wɔn sɛ ɔkorɔmfo.   Subon nsianee so na wɔtenatenae,Asase ntokuru ne abotan mu.   Nnua ntam na wɔteɛteɛɛm;Nsasono ase na wɔboaboaa wɔn ho ano.   Ogyimfo+ mma, ne nea onni din mma,Wɔde mpire apam wɔn afi asase no so.   Nanso afei de, wɔde me to dwom,+Na mayɛ asereserede ama wɔn.+ 10  Wɔtan me, wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ akyirikyiri;+Na wɔamfa ntasu nso ankame m’anim.+ 11  Onyankopɔn agow m’agyan hama mu na wabrɛ me ase;Nkurɔfo yi wɔn ano nnareka wɔ me so. 12  Me nifa so, wɔsɔre gyina sɛ ahuhufo asefo;Wogyaa me nan,Nanso wɔde ɔsɛe ban sisi m’anim.+ 13  Wɔadwiriw m’akwan;Hwee nni wɔn ho sɛ amanehunu nko na wɔde ba me so,+Na wɔanhia obiara mmoa. 14  Wɔba sɛnea wɔnam ɔkwan a ɛtrɛw so;Ahum mu na wofi tu ba me so. 15  Mpofirim ahude adan aba me so;Wɔapam me nidi sɛ mframa,Na me nkwagye atwam kɔ sɛ omununkum. 16  Mprempren de, me kra rehi wɔ me mu;+Amanehunu nna+ aso me mu. 17  Anadwo, me nnompe+ mu tutu me ma ehunhuan,Na nea ɛwe me no nnyae da.+ 18  Emu den ma m’atade sakra;Ɛkyekyere me sɛ m’atade kɔn. 19  Watow me akyene dɔte mu,Enti mayɛ sɛ mfutuma ne nsõ. 20  Misu frɛ wo sɛ boa me, nanso wunnye me so;+Masɔre agyina hɔ sɛ tie me. 21  Woadan otirimɔdenfo ama me;+Wode wo nsa mu ahoɔden nyinaa anya me ho menasepɔw. 22  Woma me so kyerɛ mframa, na wode me tena so;Afei wonan me hooyɛ mu. 23  Me de, minim sɛ owu mu na wobɛsan de me akɔ,+Ne ofie a ateasefo nyinaa hyia mu. 24  Nanso obi nteɛ ne nsa nka nea asɛe awie yi,+Na nea waporɔw no, obiara nhwehwɛ mmoa mma no n’ahohia mu. 25  Ampa ara, masu ama nea ɔwɔ amanehunu mu;+Me kra adi ohiani ho awerɛhow.+ 26  Metwɛn adepa, nanso bɔne na ɛbae;+M’ani daa hann so, nanso kusuuyɛ na ɛbae. 27  Me nsono hurui na anyɛ komm;Amanehunu nna hyiaa me. 28  Awerɛhow+ mu na menantewee esum mu;Mesɔree wɔ asafo no mu, na misu hwehwɛɛ ɔboafo. 29  Madan sakraman nua,Ne sohori mma adamfo.+ 30  Me were ayɛ tumm,+ na ɛwaewae fi me ho;Me nnompe awo ma ayɛ hyew. 31  Me sankuten adan awerɛhow,Na m’abɛn wɔ hɔ ma asufo nne.

Ase Hɔ Nsɛm