Hiob 31:1-40

31  “Apam na me ne m’aniwa ayɛ.+Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?+   Anka kyɛfa bɛn na menya afi Onyankopɔn hɔ afi soro?+Na agyapade bɛn na anka menya afi ade nyinaa so Tumfoɔ no hɔ afi sorosoro?   Ɛnyɛ amanehunu na ɛwɔ hɔ ma ɔbɔnefo?+Na ɛnyɛ asɛm na ɛto amumɔyɛfo?   Ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan nyinaa,+Na ɔkan m’anammɔn nyinaa?   Sɛ me ne mmarima nkontompofo anantew,+Na me nan atutu mmirika kɔ nnaadaasɛm+ mu a,   Ɔno na ɔbɛkari me wɔ nsenia pa mu,+Na Onyankopɔn na obehu sɛ me koma di mu.+   Sɛ me nan aman afi ɔkwan no so,+Na me koma adi m’aniwa akyi,+Anaasɛ nkekae bi wɔ me nsam+ a,   Ɛnde ma mingu aba, na obi nni,+Na ma wontutu m’asefo ase.   Sɛ me koma adaadaa me ɔbea ho,+Na matɛw+ me yɔnko kwan ano a, 10  Ɛnde ma me yere nyam mma ɔbarima foforo,Na mmarima foforo mmu nkotodwe wɔ no so.+ 11  Anka ɛno bɛyɛ ahohwibra,Na anka ɛbɛyɛ mfomso a ɛbɛkɔ asɛnnifo anim.+ 12  Ɛyɛ ogya a anka ɛbɛsɛe ade,+Na anka ɛbɛhyew me nnɔbae nyinaa ase. 13  Sɛ manni m’akoa asɛm amma no,Na mantie m’afenaa, bere a wɔne me wɔ asɛm a, 14  Ɛnde sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ?Na sɛ obisa me a, asɛm bɛn na menya aka akyerɛ no?+ 15  Ɛnyɛ Nea ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no?+Ɛnyɛ Obiako no ara na osiesiee yɛn nyinaa wɔ awotwaa mu? 16  Sɛ mede nea abrɛfo pɛ kamee wɔn,+Na memaa okunafo anidaso yerae+ a, 17  Sɛ me nkutoo na midii m’aduan,Na mamma agyanka bi anni+ a, 18  (Dabida, mmom mifi me mmeranteberem na mahwɛ agyanka sɛ ne papa,Na mifi me maame yam na mayɛ okunafo kwankyerɛfo); 19  Sɛ mihuu obi a atade a onni nti ɔrewu,+Anaa ohiani a onni nea ɔde kata ne ho; 20  Sɛ n’asen anhyira me,+Na wamfa me nguammaa ho nhwi+ anhyɛ ne ho hyew; 21  Na sɛ meteɛɛ me nsa wɔ agyanka so,+Bere a m’ani tua sɛ ohia me mmoa wɔ kurow pon ano+ a, 22  Ɛnde ma me mmati nhuan mfi ne dompe so,Na m’abasa mmubu mfi ne dompe so. 23  Efisɛ me de, na misuro amanehunu a efi Onyankopɔn hɔ,Na mantumi annyina n’anuonyam anim.+ 24  Sɛ mede sika yɛɛ m’anidaso,Anaa meka kyerɛɛ sika sɛ, ‘Wone m’ahotoso!’+ 25  Sɛ midii ahurusi m’agyapade dodow ho+Ne nneɛma pii a me nsa kae+ nti; 26  Sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn,Anaa ɔsram fɛfɛ sɛ ɛnam ne kwan mu,+ 27  Na me koma daadaa me wɔ kokoam,+Na m’ano few me nsa ho a, 28  Anka ɛno nso bɛyɛ mfomso a ɛbɛkɔ asɛnnifo anim,Efisɛ anka mapo nokware Nyankopɔn a ɔwɔ soro no. 29  Sɛ midii ahurusi sɛ wɔayi nea ɔtan me afi hɔ,+Anaa m’ani gyei sɛ asɛmmɔne ato no a​— 30  Mmom, mamfa m’ano anyɛ bɔne,Na mannome ne kra.+ 31  Sɛ me ntamadan mu nnipa anka sɛ,‘Hena na obenya obi a onnii n’aduan mmee?’+ a​— 32  Ɔhɔho biara anna abɔnten anadwo;+Mibuee m’apon maa akwantufo. 33  Sɛ mekataa me mmarato so sɛ ɔdesani,+Na mede me mfomso siee m’atade kotoku mu a​— 34  Anka mihu nnipakuw a, mɛbɔ piriw,Na anka mmusua aniwude behunahuna meMa mamua m’ano, na meremfi adi. 35  O sɛ anka obi retie me ɛ,+Sɛ anka ade nyinaa so Tumfoɔ no rehwɛ me nsa ano agyirae ho ayi m’ano ɛ!+Anaasɛ anka nea me ne no anya asɛm no rekyerɛw krataa ɛ! 36  Ampa ara, anka mede bɛto me mmati;Anka mede bɛkyekyere me ho sɛ ahemmotiri. 37  Anka mɛka m’anammɔn dodow akyerɛ no,+Na mayɛ sɛ ɔkannifo akɔ n’anim. 38  Sɛ m’ankasa m’asase su guu me so,Na ɛne n’akofi nyinaa sui; 39  Sɛ midii so aba a mantua sika biara,+Na memaa ɛso adwumayɛfo akra sii apini+ a, 40  Ɛnde ma nsɔensɔe nsi awi ananmu,+Na ma nnɛnkyɛnse nsi atoko ananmu.”Hiob nsɛm no aba awiei.

Ase Hɔ Nsɛm