Hiob 32:1-22

32  Ɛnna mmarima baasa yi gyaee sɛ wɔbɛma Hiob mmuae, efisɛ na ɔteɛ n’ankasa ani so.+  Na Busni+ Barakel a ofi Ram abusua mu no ba Elihu bo fuwii kɛse. Ne bo fuw Hiob sɛ wabu ne kra bem asen Onyankopɔn.+  Ne nnamfo baasa no nso, ne bo fuw wɔn sɛ wɔannya mmuae bi, na mmom wobuu Onyankopɔn fɔ.+  Elihu de nsɛm twɛn Hiob efisɛ na wɔn nyinaa sen no panyin.+  Elihu hui sɛ mmuae biara nni mmarima baasa no anom,+ na n’abufuw mu yɛɛ den.  Enti Busni Barakel ba Elihu buae sɛ:“Meyɛ abofra,Na mo de, moyɛ mpanyimfo.+ Ɛno nti na metwɛnee no efisɛ na misuroSɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.   Mekae sɛ, ‘Mɛma nna akasa,Na mfe dodow ada nyansa adi.’+   Ampa, honhom a ɛwɔ adesamma mu,Ade nyinaa so Tumfoɔ no home, na ɛma wɔn ntease.+   Ɛnyɛ nna dodow nko na ɛma nyansa,+Na ɛnyɛ onyin nko na ɛma nnipa te atemmu ase.+ 10  Ɛno nti mekae sɛ, ‘Muntie me.Na me nso mɛka nea minim akyerɛ mo.’ 11  Hwɛ! Metwɛn mo nsɛm,Na meyɛɛ asõ tiee mo adwene,+Kosii sɛ mubenya asɛm bi aka. 12  Meyɛɛ asõ maa mo,Nanso obiara nni hɔ a oyii Hiob ntɛn,Na obiara nni hɔ a ɔmaa ne nsɛm no ho mmuae. 13  Enti monhwɛ na moanka sɛ, ‘Yɛahu nyansa;+Onyankopɔn na wabɔ n’asɛm agu, na ɛnyɛ onipa.’ 14  Ɔnkasa ntiaa me,Enti meremfa mo nsɛm no bi mma no mmuae. 15  Moabɔ hu, muntumi nkasa bio;Mo anom nsɛm asa. 16  Metwɛnee, nanso moankasa bio;Mugyinaa hɔ dinn, na moanka hwee bio. 17  Me nso mebua me fam de;Me nso mɛka nea minim. 18  Efisɛ nsɛm ahyɛ me ma;Honhom no ahyɛ me so+ wɔ me yam. 19  Hwɛ! Me yam ayɛ sɛ bobesa a wontuee ho;Ɛte sɛ nsã kotoku foforo a ɛreyɛ apae.+ 20  Momma menkasa, na me ho ntɔ me.Mebue m’ano na mabua.+ 21  Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ onipa anim;+Na ɔdesani nso, meremmɔ no mmran;+ 22  Minhu nea ɛbɛma mabɔ mmran;Anka me Bɔfo+ beyi me afi hɔ ntɛm.

Ase Hɔ Nsɛm