Hiob 33:1-33

33  “Afei Hiob, mesrɛ wo, tie me kasa,Na yɛ asõ ma me nsɛm nyinaa.   Hwɛ! Mebue m’ano;Me tɛkrɛma ne m’ano bɛkasa.+   Me koma mu teeyɛ mu na mɛkasa,+Na nimdeɛ na m’ano bɛka no frenkyemm.+   Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me,+Na ade nyinaa so Tumfoɔ no home na ɛde me baa nkwa mu.+   Sɛ wubetumi a, yi me ano,Hyehyɛ wo nsɛm; bɔ w’asen.   Hwɛ! Sɛnea wote wɔ nokware Nyankopɔn ani so no, saa ara na mete;+Me nso, dɔte na wɔde nwenee me.+   Hwɛ! Me ho hu biara nni hɔ a ebetu wo koma,Na me nhyɛso+ renyɛ wo so duru.   Woaka wɔ m’asom,Na mate w’anom nsɛm sɛ,   ‘Me ho tew, na bɔne biara nni me ho;+Me ho nguu fĩ, na mfomso biara nni me ho.+ 10  Nanso wanya biribi agyina so ne me adi asi,Obu me sɛ ne tamfo.+ 11  Ɔde me nan bɔ nnua mu,+Na n’ani di m’akwan nyinaa akyi.’+ 12  Hwɛ! Eyi mu de, mereka akyerɛ wo, woanyɛ no yiye;+Efisɛ Onyankopɔn sen onipa desani koraa.+ 13  Dɛn nti na wo ne no reyiyi nsɛm ano?+W’asɛm a onyi ano nti anaa?+ 14  Onyankopɔn kasa pɛnkoroNe ne mprenu so+​—nanso onipa ntie​— 15  Ɔdae mu,+ anadwo adehu mu,+Bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so,Bere a wɔada wɔ mpa so.+ 16  Saa bere no na obue nnipa asõ,+Na ɔma n’afotu tim wɔn mu; 17  Ɔde dan onipa fi ne nneyɛe ho,+Na oyi ahantan+ fi ɔbarima anim. 18  Osianka ne kra na antɔ amoa mu,+Ne ne nkwa nso na antɔ bɛmma ano.+ 19  Ɔde ade a ɛyɛ yaw teɛ no so ne mpa so,Na ne nnompe mu aperedi nnyae da. 20  N’asetena ma aduan yɛ no abofono,+Na ne kra po akɔnnɔduan. 21  Wafɔn ma wonhu ne honam,Na ne nnompe a na wonhu no apuepue. 22  Ne kra bɛn amoa,+Na ne nkwa bɛn awudifo. 23  Sɛ ɔwɔ ɔbɔfo bi,Ɔkasamafo bi, apem mu biako,A ɔbɛkyerɛ onipa nea ɛteɛ a, 24  Ɛma ɔdom no, na ɔka sɛ,‘Gye no na wankɔ amoa mu!+Manya agyede!+ 25  Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de;+Ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.’+ 26  Ɔbɛpa Onyankopɔn kyɛw, na n’ani agye ne ho;+Osebɔ na ɔde behu n’anim,Na Ɔde Ne trenee bɛma onipa desani bio. 27  Ɔbɛto dwom akyerɛ nkurɔfo sɛ,‘Mayɛ bɔne;+ na nea ɛteɛ no, makyea no.Anyɛ adepa amma me. 28  Wagye me kra na ankɔ amoa mu;+Me nkwa nso behu hann.’ 29  Hwɛ! Eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ,Mprenu, ne mprɛnsa wɔ ɔbarima ho, 30  Sɛ ɔde bɛdan ne kra afi amoa ho,+Na ateasefo hann ahyerɛn no so.+ 31  Enti afei Hiob yɛ asõ! Tie me!Yɛ komm, na mentoa so nkasa. 32  Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, yi me ano;Kasa, efisɛ wo trenee ho asɛm hia me. 33  Sɛ wunni hwee ka a, ɛnde tie me ɛ;+Yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.”

Ase Hɔ Nsɛm