Hiob 34:1-37

34  Elihu toaa ne nsɛm no so sɛ:   “Muntie me nsɛm, mo anyansafo;Na monyɛ asõ mma me, mo animdefo.   Efisɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ,+Sɛnea dodom ka aduan hwɛ no.+   Momma yɛnhwehwɛ nsɛm mu;Na yenhu nea eye wɔ yɛn ntam.   Hiob aka sɛ, ‘M’asɛm yɛ dɛ,+Nanso Onyankopɔn na wadan m’atemmu ani.+   Enti metumi adi atoro m’atemmu ho?M’akuru bɔne nwu, nanso mmarato bi nni me ho.’+   Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob+A ɔnom animtiaabu sɛ nsu?+   Ɔreyɛ asi nnebɔneyɛfo ayɔnkofa kwan so,Ne amumɔyɛfo kwan mu.+   Efisɛ waka sɛ, ‘Mfaso bi nni so mma ɔbarima+Sɛ ɔne Onyankopɔn bɛbɔ.’ 10  Enti mo a mowɔ ntease koma,+ muntie me.Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,+Ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!+ 11  Sɛnea ɔbarima nneyɛe te na obetua no ka,+Na sɛnea onipa kwan te no, saa ara na ɔbɛma aba no so. 12  Ampa ara, Onyankopɔn de, ɔnyɛ bɔne,+Na ade nyinaa so Tumfoɔ no, ɔnkyea atemmu.+ 13  Hena na ɔde wiase hyɛɛ ne nsa,Na hena na ɔde asase nyinaa maa no? 14  Sɛ ɔde n’ani si obi so,Na ɔboaboa onii no honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,+ 15  Honam nyinaa begyaa mu,Na ɔdesani asan akɔ dɔte mu.+ 16  Enti sɛ wowɔ ntease a, tie eyi;Yɛ asõ tie me nsɛm. 17  So nea okyi atɛntrenee bedi tumi?+Na sɛ otumfoɔ teɛ a, wubebu no fɔ?+ 18  Obi betumi aka akyerɛ ɔhene sɛ, ‘Woyɛ ohuhuni’?Na obetumi aka akyerɛ atitiriw sɛ, ‘Moyɛ nnebɔneyɛfo’?+ 19  Yɛwɔ Obi a ɔnhwɛ akunini animNa ommu otitiriw nsen ɔbrɛfo,+Efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+ 20  Ɛnkyɛ na wɔawuwu,+ anadwo dasum;+Wɔwosow biribiri, na wotwam kɔ,Na atumfoɔ twam a nsa biara nka wɔn.+ 21  Efisɛ n’ani tua onipa akwan,+Na n’anammɔn nyinaa ohu. 22  Esum anaa esum kabii biara nni hɔNa abɔnefo ahintaw mu.+ 23  Ɔnhyɛ bere mma onipa biaraSɛ ɔnkɔ Onyankopɔn anim, atemmu mu. 24  Obubu atumfoɔ+ a enhia sɛ ɔhwehwɛ mu brɛ ansa,Na ɔde afoforo si wɔn ananmu.+ 25  Ne saa nti, otumi hu sɛnea wɔn nnwuma te,+Na ɔka wɔn gu anadwo ma wobubu.+ 26  Ɔbobɔ wɔn sɛ nnebɔneyɛfoWɔ nnipa anim;+ 27  Efisɛ wɔagyae n’akyidi,+Na wɔansusuw n’akwan mu biara ho,+ 28  Na ɛma ɔbrɛfo sufrɛ du n’aso mu;Na otie mmɔborɔni sufrɛ.+ 29  Sɛ ɔma kommyɛ ba a, hena na obetumi abu no fɔ?Na sɛ ɔde n’anim hintaw+ a, hena na obetumi ahu no?Sɛ ɔde hintaw ɔman+ oo, sɛ ɔde hintaw onipa oo, ne nyinaa, adekoro no ara. 30  Ɛno remma ɔwaefo nni tumi,+Na ɛremma biribi nsum nnipa afiri.+ 31  So obi wɔ hɔ a obetumi aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ,‘Amanehunu ato me bere a minnii mfomso;+ 32  Me de, minhu nea mayɛ, enti w’ankasa kyerɛ me;Sɛ mayɛ bɔne bi a,Merenyɛ bio’?+ 33  So ɔbɛhyɛ w’ananmu sɛnea wopɛ, bere a woapo atemmu yi?Efisɛ wo na wopɛ no saa, na ɛnyɛ me.Sɛ wunim biribi a, kasa. 34  Nnipa a wɔwɔ ntease koma+ bɛka akyerɛ me​—Ɔbarima nyansafo a ɔretie me na ɔbɛka sɛ, 35  ‘Hiob de, ɛnyɛ nimdeɛ mu na ɔkasa,+Na nhumu nni nsɛm a ɔka mu.’ 36  M’agya, ma wɔnsɔ Hiob nhwɛ nkosi aseEsiane mmuae a ɔde ma amumɔyɛfo nti.+ 37  Efisɛ ɔde atuatew ka ne bɔne ho;+Ɔbɔ ne nsam wɔ yɛn mu, na ɔma ne nsɛm dɔɔso tia nokware Nyankopɔn!”+

Ase Hɔ Nsɛm