Hiob 37:1-24

37  “Ampa ara, me koma popo eyi ho,+Na ehuruhuruw fi faako a ɛwɔ.   Monyɛ aso ntie ne nne mmobom,+Ne kurududu a epue fi n’anom no.   Ogyaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase,Na n’anyinam+ kodu asase ano nohoa.   Ɛno akyi na wɔte mmobom kɛse;Ɔde ne kɛseyɛ+ nne kasa ma aprannaa bobom,+Sɛ wɔte ne nne no nso a, ensianka wɔn.+   Onyankopɔn ma ne nne+ so ma aprannaa bobom anwonwakwan so,Na ɔyɛ nneɛma akɛse a yentumi nte ase.+   Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’+Na ɔka saa kyerɛ osu, ɔno ara ne sutɔ kɛse no.+   Ɔkyekyere ɔdesani biara nsa,Na ɛma onipa desani biara hu ne nsa ano adwuma.   Afei wuram mmoa kɔtɛw,Na wɔkɔ wɔn ahintawee.+   Mframa bɔ fi nea efi ba,+Na atifi mframa ma awɔw ba.+ 10  Onyankopɔn home na ɛma nsukyenee,+Na ɛka nsu hyɛ.+ 11  Nsu na ɔde soa omununkum,Ne hann+ hwete omununkum, 12  Ɛdannan sɛnea ɔkyerɛ no kwan, na ɛyɛ ne nnwumaWɔ baabiara a ɔhyɛ+ no wɔ asase so. 13  Sɛ ɔde yɛ abaa+ oo, ɔde yɛ n’asase yiye+ oo,Sɛ adɔe+ oo, ɔma edi dwuma bi. 14  O Hiob, yɛ aso tie eyi;Gyina hɔ komm, na dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho.+ 15  Wunim bere a Onyankopɔn de wɔn nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa?+Na wunim bere a ɔmaa ne mununkum mu hann hyerɛnee? 16  So wunim sɛnea omununkum sɛn hɔ,+Nea owie pɛyɛ wɔ nimdeɛ mu no anwonwadwuma no?+ 17  Wunim sɛnea wo ntade mu yɛ hyewBere a asase so yɛ dinn fi anafo fam no?+ 18  Wubetumi ne no atrɛw ɔsoro mu+Sɛnea wɔboro agude dennen de yɛ ahwehwɛ no? 19  Ma yenhu nea ɛfata sɛ yɛka kyerɛ no;Esum nti, yɛrennya nsɛm nka. 20  Metumi aka akyerɛ no sɛ mewɔ asɛm ka anaa?Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no amanneɛ?+ 21  Nnipa de, wonhu hann;Gye sɛ ewim hyerɛn,Bere a mframa abɔ ama wim atew no. 22  Atifi fam na sika fɛfɛ fi ba.Onyankopɔn anuonyam+ yɛ hu. 23  Ade nyinaa so Tumfoɔ no de, yennya nhuu no yiye;+Ne tumi korɔn,+Na atɛntrenee+ ne adetrenee+ dodow de, ɔremmu no ade ketewa.+ 24  Ɛno nti, momma nnipa nsuro no.+Ommu onipa biara a ɔyɛ onyansafo n’ankasa ne komam.”+

Ase Hɔ Nsɛm