Hiob 38:1-41

38  Ɛnna Yehowa fi ahum+ mu buaa Hiob sɛ:   “Hena ne oyi a ɔdan afotu ani,Na ɔka nsɛm a nimdeɛ nnim yi?+   Bɔ w’asen sɛ dɔmmarima ɛ;Ma mimmisa wo na kyerɛ me.+   Ɛhe na na wowɔ bere a mede asase tim hɔ no?+Sɛ wunim a, ka kyerɛ me.   Hena na osusuw too hɔ, wunim anaa?Na hena na ɔde susuhama too so?   Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sisii?+Na hena na ɔde ne tweatibo toe,   Bere a adekyee nsoromma+ boom too ahurusi dwom,Na Onyankopɔn mma+ nyinaa bɔɔ ose no?   Hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu,+Na efii adi te sɛ nea efi ɔyafunu mu;   Bere a mede omununkum yɛɛ ne nkatahoNa mede esum kabii yɛɛ n’abomu, 10  Bere a mehyɛɛ mmara maa no,Na meyeyɛɛ mmeamu ne apon maa no,+ 11  Na mekae sɛ, ‘Ɛha yi ara na bɛso, na ntra;+Na ɛha ara na w’asorɔkye a ɛmoma ne ho so no mmɛso’ no?+ 12  Efi wo nna mfiase no, woahyɛ bere ama anɔpa pɛn?+Wo na wokyerɛ adekyee ne dibere, 13  Sɛ ensuso asase ano,Na wɔmporoporow abɔnefo mfi so?+ 14  Ɛdannan sɛ dɔte+ wɔ nsɔano ase,Nneɛma nyinaa wɔ wɔn gyinabea te sɛ nea wɔahyehyɛ ntade. 15  Wɔde wɔn hann kame nnebɔneyɛfo,+Na basa a ɛkorɔn no bubu.+ 16  Wunim faako a ɛpo fi ba?Anaa woakyin+ ahwehwɛ subun?+ 17  Wɔabue owu apon+ ama wo anaa?Na wubetumi ahu esum kabii+ apon? 18  Woate asase tɛtrɛtɛ ase?+Sɛ wunim ne nyinaa a, ka. 19  Ɛhe na ɔkwan a ɛkɔ hann ho no da?+Esum nso, ɛhe na ɛwɔ, 20  Na woafa no kɔ n’ahye soNa woate ne fie kwan ase? 21  Wunim, efisɛ saa bere no na wɔawo wo,+Na woadi nna bebree nti? 22  Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn?+Anaa woahu amparuwbo korabea,+ 23  Ade a makora so ama ahohia bere,Ɔko ne ɔsa da no?+ 24  Ɛhe na ɔkwan a hann fa so hyerɛn no da,Na apuei mframa+ bɔ pete asase so? 25  Hena na oyiyi nsuka ma osuNe ɔkwan ma osuframa ne aprannaa,+ 26  Na ɔma osu tɔ gu asase a onipa biara nte so no so,+Ne sare a ɔdesani biara nte so no so, 27  Na ɔma asase a ahum asɛe so pasaa yɛ yiye,Na ɔma sare fifi?+ 28  Nyankonsu wɔ agya anaa?+Na hena na ɔwoo obosu?+ 29  Hena yam na nsukyenee fi ba,Na hena na ɔwo ɔsoro asukɔtweaa?+ 30  Nsu hintaw ɔbo ase,Na subun ani kyen.+ 31  Wubetumi akyekyere Kima nsorommakuw abom?Anaasɛ wubetumi asan Kesil nsorommakuw nhama?+ 32  Wubetumi ama Masarot nsorommakuw apue ne bere mu?Na Ayis nsorommakuw ne ne mma nso, wubetumi akyerɛ wɔn kwan? 33  Wunim wim mmara?+Anaa wubetumi ahyehyɛ ne tumidi wɔ asase so? 34  Wubetumi ama wo nne so akyerɛ omununkumAma nsu pii abɛkata wo so anaa?+ 35  So wubetumi asoma anyinam ma akɔ,Na aka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn ni!’ anaa? 36  Hena na ɔde nyansa+ hyɛɛ omununkum mu?Na hena na ɔmaa wim nneɛma ntease?+ 37  Hena na obetumi de nyansa akan omununkum pɛpɛɛpɛ,Na obetumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsu,+ 38  Bere a mfutuma dan atɛkyɛ na ehwie sɛ nsu kɔboa ano,Na dɔtetɔw keka bom no? 39  Wubetumi ayɛ ha ama gyata?Na wubetumi anya gyataforo yam aduan,+ 40  Bere a wobutubutuw wɔn ahintawee,+Anaa wɔtɛw wɔ wuram no? 41  Hena na osiesie aduan ma kwaakwaadabi,+Bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn,Na aduan a wonnya nni nti wɔnenam basabasa no?

Ase Hɔ Nsɛm