Hiob 39:1-30

39  “Wunim abotan so mmirekyi awo bere?+Na ɔforote awoko bere+ nso, wunim?   Wubetumi akan asram dodow a edi?Anaasɛ wunim bere pɔtee a wɔde wo?   Wɔkotow wo wɔn mma,Na woyi wɔn awo yaw gu.   Wɔn mma huruhuruw, wɔyeyɛ akɛse wɔ wuram;Wofi adi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.   Hena na ɔmaa sare so afurum+ dee ne ho,Na hena na ɔsan wuram pɔnkɔ nhama,   Nea mede sare so ama no sɛ ne fieNa nkyene kurow+ yɛ ne tenabea no?   Kurow mu gyegyeegye ma ɔserew;Na ɔpamfo dede+ nso, ɔnte.   Okyinkyin mmepɔw so pɛ adidibea,+Na ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.+   Ɛkoɔ bɛpene so asom wo?+Anaa ɔbɛda wo mmoa adididaka ho anadwo? 10  Wubetumi de hama akyekyere ɛkoɔ wɔ afuw mu?Anaa obedi w’akyi afuntum+ asasetaw? 11  N’ahoɔden dodow nti, wode wo ho bɛto no so anaa?Na wode w’adwuma bɛhyɛ ne nsa? 12  Wubenya ne mu awerɛhyem sɛ ɔde wo nnɔbae bɛbrɛ wo?Na ɔbɛboaboa ano aba w’awiporowbea? 13  Sohori de ahosɛpɛw bɛbɔ ne ntaban mu?Anaa ɔwɔ asukɔnkɔn+ ntaban ne ne ntakra? 14  Ogyaw ne nkesua gu asase mu,Na mfutuma mu na ɔma enya ɔhyew, 15  Na ne werɛ fi sɛ obi nan betumi abobɔ no,Anaa wuram aboa bi betumi atiatia so. 16  Ɔnhwɛ ne mma yiye; ɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔnyɛ ne mma+​—Onsuro ade nti, ɔbrɛ gu. 17  Onyankopɔn ama nyansa abɔ no,Na wamma wannya ntease.+ 18  Sɛ ɔbɔ ne ntaban mu wɔ soro a,Ɔserew ɔpɔnkɔ ne ɛsotefo. 19  Wubetumi ama ɔpɔnkɔ ahoɔden?+Na wubetumi de nhwi ahyehyɛ ne kɔn mu? 20  Wubetumi ama wahuruhuruw sɛ mmoadabi?Sɛ ɔporow ne hwene mu ahantan so a, ɛyɛ hu.+ 21  Ɔde ne nan pempem fam+ wɔ asasetaw so, na ɔde ahoɔden huruhuruw;Ofi adi kohyia akode.+ 22  Ohu ahude a, ɔserew, na ɛmmɔ no hu;+Na nkrante nso, ɔnsan mfi anim. 23  Agyan wosow no so,Ɛne peaw ne pɛmɛ. 24  Ɔpempem fam, na ɔde anibere mene asase,Na sɛ ɔte abɛn nnyigyei a, ne dɛ nti, ogye ho akyinnye. 25  Onya te abɛn pɛ a, ɔka sɛ, Ahãã!Ɔwɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ɔko ho hua,Ɔte ahene gyegyeegye ne ɔko nteɛm.+ 26  So wo nyansa nti na akorɔma tu kɔ sorosoroNa ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ anafo mframa? 27  Anaa wo na wohyɛ ma ɔkɔre+ tu kɔ sorosoroKɔyɛ ne berebuw wɔ sorosoro,+ 28  Na ɔtena ɔbotan so, da hɔ anadwo,Baabi a ɔbotan ano hwirenhwiren a obiara ntumi nkɔ hɔ no? 29  Ɛhɔ na ofi hwehwɛ aduan;+N’aniwa hwɛ ade akyirikyiri. 30  Na ne mma nso fifew mogya;Baabi a afunu wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”+

Ase Hɔ Nsɛm