Hiob 4:1-21

4  Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no buae sɛ:   “Sɛ obi bɔ mmɔden ka asɛm bi kyerɛ wo a, ɛbɛhaw wo anaa?Nanso hena na obetumi aka ne kasa ahyɛ?   Hwɛ! Woateɛ nnipa pii so,+Na nsa a emu agow no, woahyɛ no den.+   Nea ɔrehwe ase no, wo nsɛm ama wasɔre agyina;+Na nkotodwe a ahodwow no, woahyɛ no den.+   Afei a ebi ato wo no, woabotow;Ebi kaa wo yi de, woahaw.   Ɛnyɛ wo nyamesuro na ama woanya ahotoso?Ɛnyɛ w’anidaso ne w’akwan a ɛteɛ?+   Mesrɛ wo, kae eyi: Hena na ne ho nni asɛm a wɔasɛe no pɛn?Na ɛhe na wɔapopa obi a ɔteɛ+ pɛn?   Nea mahu ne sɛ wɔn a wosusuw bɔneNe wɔn a wodua ɔhaw no, ɛno ara na wotwa.+   Onyankopɔn home mu na wɔsɛe,Na n’abufuhyew mu na wɔn awiei ba. 10  Gyata bobom, wɔte gyataforo nne,Nanso gyatanini sẽ bubu. 11  Hanam a enni hɔ nti, gyata wu,Na gyata mma bɔ pete. 12  Asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn,Na etwaa m’asom+ ketewaa bi wɔ 13  Ɔdadwen a efi anadwo anisoadehu mu no mu,Bere a nnahɔɔ tɔ nnipa so no. 14  Ehu kaa me, me ho popoe,Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa mã. 15  Honhom bi betwaam wɔ m’anim;Me ho nhwi sɔresɔree. 16  Ebegyinaa hɔ dinnNanso manhu sɛnea ɛte;Biribi begyinaa m’ani so;Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee ɛnne bi sɛ: 17  ‘Onipa desani​—obetumi ateɛ asen Onyankopɔn anaa?Na ɔbarima ho betumi atew asen ne Bɔfo?’ 18  Hwɛ! Onni gyidi wɔ n’asomfo mu,Na n’abɔfo nso, obu wɔn sɛ wɔtɔ sin; 19  Na wɔn a wɔtete dɔtedan mu de, obebu wɔn dɛn,Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔte no!+Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa. 20  Ebefi anɔpa akosi anwummere no, na wɔayam koraa;Wɔyera korakora a obiara nnwen ho. 21  Wɔn ntamadan hama no, wɔntetewee anaa?Nyansa a wonni nti, wowuwu.

Ase Hɔ Nsɛm