Hiob 41:1-34

41  “Wubetumi de darewa ayi ɔdɛnkyɛm?*+Anaasɛ wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?   Wubetumi de ntampehama ahyɛ ne hwene mu,+Anaa wubetumi de kɔtɔkoro ahwirew n’abogye mu?   Anka ɔbɛkotow asrɛ wo pii?Anaasɛ ɔne wo bɛkasa bɔkɔɔ?   Ɔne wo bɛyɛ apamSɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?   Wo ne no bedi agoru sɛ anomaa?Anaasɛ wobɛmantam no de agyigye wo mmabea ani?   Abatafo de no bedi nsesagua?Aguadifo besi no kosow?   Wubetumi de pɛmɛ ahyehyɛ ne were mu,+Anaa wubetumi de apataa mpeaw awowɔ ne tirim?   Fa wo nsa to no so hwɛ.Kae ntɔkwaw no. Anka worenyɛ saa bio.   Hwɛ! Ne ho anidaso bɛma onipa nsa asi fam.Onipa ani bɔ ne so kɛkɛ a, obetwa ahwe. 10  Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ ne ho asɛm akogyigye no.Na hena na obetumi agyina m’anim?+ 11  Hena na wadi kan ama me biribi a ɛsɛ sɛ mitua no ka?+Nea ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa, ɛwɔ me.+ 12  Merennyae ne honamNe ne kɛseyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ ho asɛm ka, 13  Hena na obetumi aworɔw ne ho?N’anom nso, hena na obewura mu? 14  N’anom apon, hena na obetumi abue?Ne sẽ a ayɛ n’anom ma no yɛ hu. 15  Abona a ɛwɔ ne ho ma ɔyɛ ahantan,Akeka amiamia so te sɛ ade a wɔasɔ ano denneennen. 16  Ɛfomfam so papee,Na mframa mpo mfa mu. 17  Ɛtetare so denneennen;Edi nsusom, na emu ntumi ntetew. 18  Ne nwansi pa gya,Na n’aniwa te sɛ adekyee hann. 19  N’anom pa yerɛwyerɛw,Na ɛtete gya mpo. 20  Wusiw fi ne hwene mu baTe sɛ fononoo a wɔde sakran asɔ mu gya. 21  N’ahome sɔ nsramma,Na ogya mpo fi n’anom ba. 22  Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,Na akomatu huruw wɔ n’anim. 23  Ne honam abubu agu so;Ayɛ te sɛ dade a wɔagu, na etim hɔ pintinn. 24  Ne koma te sɛ ɔbo a wɔatwa.Ɛte sɛ owiyammo a wɔatwa. 25  Sɛ ɔma ne ho so a, ahoɔdenfo bɔ hu;+Ahodwiriw nti, wɔn ani so yɛ wɔn krakra. 26  Nkrante mpo ntumi nni no so,Peaw ne bɛmma ne agyan nso ntumi no.+ 27  Obu dade+ sɛ sare bi kɛkɛ,Ne kɔbere sɛ duwui bi kɛkɛ. 28  Agyan ntumi mpam no;Akorabo+ yɛ no sɛ buronan bi ara kwa. 29  Obu aporibaa sɛ buronan hunu bi,+Na ɔserew pɛmɛ a edi ahim. 30  Ne yam te sɛ kuku asinasin hwirenhwiren;Ɔfa dontori mu a, ɛte sɛ awiporow ade.+ 31  Ɔma ebun mu huru sɛ kuku;Ɔma ɛpo yɛ sɛ sradehuam kuku. 32  Ɔma ɔkwan hyerɛn wɔ n’akyi;Ɔma onipa hu subun sɛ dwen. 33  Asase so nso, biribi nte sɛ ɔno;Ɔno na wɔyɛɛ no sɛ onnsuro hwee. 34  Ade wɔ soro sɛ dɛn koraa a, ohu.Ɔne wuram mmoa akɛse nyinaa hene.”

Ase Hɔ Nsɛm

Hebri mu, “Lewiatan.”