Hiob 42:1-17

42  Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:   “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ,+Na biribiara nsõ wo yɛ.+   Wokae sɛ, ‘Hena ne oyi a ɔdan afotu ani, a nimdeɛ nnim yi?’+Enti mekasae bere a mente ase,Efisɛ ɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa dodo ma me, nneɛma a minnim.+   Wokae sɛ, ‘Tie ɛ, na menkasa.Ma mimmisa wo na kyerɛ me.’+   Wo ho asɛm kɛkɛ na metee,Na afei de m’aniwa ahu wo.   Ɛno nti na matwe asan no,Na manu me ho+ dɔte ne nsõ mu.”  Ɛbae sɛ, Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ofi Teman no sɛ: “Me bo afuw wo ne wo nnamfo baanu+ no kɛse, efisɛ moanka me ho nokwasɛm+ te sɛ m’akoa Hiob.  Enti momfa anantwinini ason ne adwennini ason,+ na monkɔ m’akoa Hiob hɔ,+ na mommɔ ɔhyew afɔre mma mo ho; na m’akoa Hiob na ɔbɛbɔ mpae ama mo.+ Ɔno nkutoo na mɛhwɛ n’anim, na mangu mo anim ase, mo nkwaseasɛm nti, efisɛ moanka me ho nokwasɛm te sɛ m’akoa Hiob.”+  Ɛnna Elifas a ofi Teman ne Bildad a ofi Suha ne Sofar a ofi Naama no kɔyɛɛ nea Yehowa aka akyerɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ; na Yehowa hwɛɛ Hiob anim. 10  Bere a Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfo no,+ Yehowa nso maa Hiob amanehunu no baa awiei,+ na Yehowa de nea ɛyɛ Hiob de nyinaa bɔɔ ho abien maa no.+ 11  Ɛnna ne nuabarimanom nyinaa ne ne nuabeanom nyinaa ne wɔn a wonim no dedaw nyinaa dii ne nkyɛn akɔneaba,+ na wɔne no didii+ wɔ ne fie, na wogyam no, kyekyee ne werɛ wɔ mmusu a Yehowa ama kwan ma aba no so no nyinaa ho; na wɔn mu biara kyɛɛ no sika ne sika kawa. 12  Na Yehowa hyiraa+ Hiob awiei sen ne mfiase,+ ma onyaa nguan mpem dunan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem. 13  Onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa nso.+ 14  Ɔfrɛɛ nea odi kan no Yemaima, nea ɔto so abien no, ɔfrɛɛ no Kesia, na ɔfrɛɛ nea ɔto so abiɛsa no nso Keren-Hapuk. 15  Na wɔanhu mmea a wɔn ho yɛ fɛ te sɛ Hiob mmabea no wɔ asase no nyinaa so, na wɔn papa momaa wɔn agyapade wɔ wɔn nuabarimanom mu.+ 16  Ɛno akyi no Hiob tenaa ase mfe ɔha aduanan,+ na ohuu ne mma ne ne mmanana+ kosii awo ntoatoaso a ɛto so anan so. 17  Na Hiob wui; na wabɔ akora, na wadi nna amee.+

Ase Hɔ Nsɛm