Hiob 5:1-27

5  “Frɛ hwɛ ɛ! Obi wɔ hɔ a obegye wo so anaa?Na akronkronfo no mu hena na wobɛdan akɔ ne nkyɛn?   Ateetee na ebekum ɔkwasea,Na anibere na ebekum ogyimfo.   Me ara mahu ɔkwasea a ɔregye ntini,+Nanso medomee ne tenabea ntɛm so.   Ne mma ne nkwagye ntam ware,+Na wɔpɛtɛw wɔn wɔ kurow apon ano a wonnya ogyefo.   Nea otwa no, nea ɔkɔm de no na obedi;Nea wasina mpo, obi beyi awe,Na afiri bɛtow asɔw n’asetenade.   Efisɛ bɔne mfifi mfutuma mu,Na ɔhaw mfifi mfi fam.   Wɔwoo onipa maa ɔhawSɛnea ogyaframa tutu kɔ soro no.   Nanso sɛ me a, anka mɛsrɛ Onyankopɔn,Anka mede m’asɛm bɛhyɛ Onyankopɔn nsa,+   Ɔno na ɔyɛ nneɛma akɛse a enni hwehwɛbea,Na ɔyɛ anwonwade a enni ano;+ 10  Ɔno na ɔma osu tɔ gu asase so+Na ɔma mfuw nya nsu;+ 11  Ɔno na ɔde abrɛfo tena nea ɛkorɔn,+Na ɔpagyaw wɔn a wodi awerɛhow kɔ nkwagye kwan so; 12  Ɔno na ɔsɛe anitefo agyina+Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa ntumi nyɛ adwuma yiye; 13  Ɔno na ɔkyere anyansafo wɔn ankasa anifere mu,+Ma anitefo agyina sɛe,+ 14  Na esum duru wɔn awia,Na awia ketee, wɔde wɔn ti pempem te sɛ nea ade asa no;+ 15  Ɔno na ogye onipa fi anitefo anom nkrante ano,Na ogye ohiani fi ɔhoɔdenfo nsam,+ 16  Na ɔma ɔbrɛfo nya anidaso,+Na amumɔyɛfo ka wɔn ano tom.+ 17  Hwɛ! Anigye ne onipa a Onyankopɔn ka n’anim;+Ade nyinaa so Tumfoɔ nteɛso nso, mpo! 18  Ɔno na opira, nanso ɔkyekye kuru no;Ɔno na obubu, na ɔno ara nsa sa yare. 19  Ahohia asia mu na obegye wo,+Na ason mu nso, bɔne bi renka wo.+ 20  Ɔkɔm bere mu, obegye wo afi owu mu,+Na ɔko bere mu nso, obegye wo afi nkrante ano. 21  Ɔde wo behintaw afi tɛkrɛma mpire ano,+Na sɛ afowfo ba a, worensuro. 22  Wobɛserew afowfo ne ɔkɔm,Na worensuro asase so akekaboa. 23  Efisɛ wuram abo ne wo bɛyɛ apam,Na wɔbɛma wuram akekaboa mpo ne wo atena asomdwoe mu.+ 24  Wubehu sɛ asomdwoe yɛ wo ntamadan;Na wobɛkɔ akɔhwɛ wo mmoa adidibea, na worenhwere biribiara. 25  Wubehu sɛ wo mma dɔɔso+Na w’asefo te sɛ asase so wura.+ 26  Wode ahoɔden na ɛbɛkɔ ɔdamoa mu+Sɛnea wɔboaboa awi ano wɔ ne bere mu no. 27  Hwɛ! Eyi na yɛahwehwɛ mu ahu. Saa na ɛte.Tie, na wo nso hu fa.”

Ase Hɔ Nsɛm