Hiob 6:1-30

6  Ɛnna Hiob buae sɛ:   “Sɛ anka wɔrekari m’ahometew+ nyinaa,Na wɔde m’amanehunu nso agu nsenia mu ɛ!   Anka emu bɛyɛ duru asen mpoano anhwea mpo.Ɛno nti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi.+   Ade nyinaa so Tumfoɔ agyan aba me so,+Na me honhom renom emu bɔre;+Ahude a efi Onyankopɔn hɔ atwa me ho ahyia.+   Sɛ sare so afurum+ nya sare a, osũ anaa?Na nantwi nya aduan a, osũ?   Obi bedi aduan toyoo a ɔnto mu nkyene anaa?Na dɛ bi wɔ dua mu nsu tann mu?   Me kra mpɛ sɛ ɛbɛkã emu biara.Ɛte sɛ m’aduan mu abofonode.   O sɛ anka menya m’abisadeNa Onyankopɔn ama m’anidaso aba mu ɛ!   Sɛ anka Onyankopɔn bɛpɛtɛw me,Na wayi ne nsa atwa me afi hɔ ɛ!+ 10  Ɛno mpo anka menya awerɛkyekye ara,Na madi ahurusi+ wɔ me yawdi kɛse mu,Sɛ wanhu mmɔbɔ mpo a; efisɛ memfaa Ɔkronkronni+ no nsɛm nhintawee.+ 11  M’ahoɔden wɔ he a mede bɛkɔ so atwɛn?+Na ebewie me dɛn sɛ me kra bɛtena ase akyɛ? 12  M’ahoɔden te sɛ abo ahoɔden anaa?Na me honam yɛ kɔbere? 13  Ɛnyɛ ɔboa na mintumi mmoa me ho?Na ɛnyɛ ahoɔden a mede yɛ adwuma na wɔatu afi me mu? 14  Nea ɔde adɔe kame ne yɔnko no,+Ɔde ade nyinaa so Tumfoɔ no suro nso to nkyɛn.+ 15  Me ara me nuanom atwa nkontompo+ te sɛ awɔw bere mu asu a ɛsen,Wɔte sɛ awɔw bere mu asu a etwam kɔ. 16  Nsukyenee ma ani biri,Sukyerɛmma hintaw mu. 17  Sɛ bere so a, nsu no sã,+ na ɛyɛ dinn;Sɛ ɔhyew ba a, ɛyow.+ 18  N’akwan dan fa baabi;Ɛkɔ baabi a hwee nni, na ɛyera. 19  Tema+ akwantufo hwehwɛ emu nsu,Na Saba+ akwantufo kuw nso twɛn no. 20  Wɔn ani wu efisɛ wɔn ani da so;Wɔba bedu hɔ nanso wɔn nsa si fam.+ 21  Afei mo saa mmarima yi, monyɛ hwee;+Moahu ahude, mo koma atu.+ 22  Maka akyerɛ mo sɛ momma me biribi anaa?Na maka akyerɛ mo sɛ momfa mo tumi nyɛ biribi mma me? 23  Maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi ɔtamfo nsam?+Na maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi atirimɔdenfo nsam anaa?+ 24  Monkyerɛkyerɛ me, na me de, mɛyɛ komm;+Mfomso a madi no, momma minhu.+ 25  Teeyɛ nsɛm de​—O ɛnyɛ yaw koraa!+Nanso, mo animka no, ɛyɛ dɛn ho animka?+ 26  So me nsɛm ho animka na mofa ho adwene,Bere a ɔwerɛhoni nsɛm+ te sɛ mframa?+ 27  Sɛ munya nnyanka+ so ntonto mpo a, mobɛbɔ,Na munya mo yɔnko a, mobɛtɔn no!+ 28  Na afei, mo ara monhwɛ me,Na monhwɛ sɛ medi atoro+ wɔ mo anim anaa. 29  Mesrɛ mo, monsan nnwen ho bio; mommma nea ɛnteɛ biara mmma mu;Monsan nnwen ho bio ɛ, na me trenee da so wɔ hɔ.+ 30  So nea ɛnteɛ bi wɔ me tɛkrɛma so,Na me de, minhu nea ama merehu amane anaa?

Ase Hɔ Nsɛm