Hiob 7:1-21

7  “Enti onipa desani asetena wɔ asase so nyɛ nkoasom?+Na ne nna nte sɛ ɔpaani nna anaa?+   Ɔpere hwehwɛ onwini+ te sɛ akoa,Na ɔtwɛn n’akatua te sɛ ɔpaani.+   Saa na wɔama manya asram hunu,+Na wɔakan anadwo a ɔhaw wom+ ama me.   Sɛ mekɔda a, meka sɛ, ‘Da bɛn na mɛsɔre?’+Na anadwo mũ nyinaa yɛ me kɔdaanna kosi ahemadakye.   Mmoawa+ ne dɔte atɔwatɔw+ afura me ntama;Me honam atwintwam, na ɛrefi nsu.+   Me nna twam ntɛm+ sen ɔnwemfo akurokurowa,Na ɛba awiei a anidaso+ bi nnim.   Kae sɛ me nkwa yɛ mframa;+Na m’aniwa renhu adepa bio.   Nea n’aniwa hu me no, ɔrenhu me bio;W’aniwa bɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ.+   Sɛnea omununkum twam kɔ no,Saa na nea osian kɔ Adamoa* mu no rensan mma bio.+ 10  Ɔrensan mma ne fie bio,Na ne tenabea renhu no bio.+ 11  Enti merenka m’ano ntom.M’ahohia mu na mɛkasa;Me kra awerɛhow+ mu na mɛka m’asɛm! 12  Meyɛ ɛpo anaa ɛpo mu aboa kɛseNa woagye me ho ban?+ 13  Bere a mekae sɛ, ‘Me mpa bɛkyekye me werɛ,Na me kɛtɛ asoa me haw no bi’ no, 14  Wode adaeso hunahunaa me,Na wode anisoadehu ma mebɔɔ piriw, 15  Enti me kra paw sɛ ebetua ahome mmom,Na mepɛ owu+ mmom sen me nnompe yi. 16  Mapo nkwa;+ merentena ase bio da.Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.+ 17  Onipa desani ne hena+ a woyɛn no,De wo koma di n’akyi, 18  Na wudwen ne ho anɔpa biara,Na wosɔ no hwɛ daa?+ 19  Dɛn nti na wunyi w’ani mfi me so,+Na wunnyaa me mma memmene ntasu mpo? 20  Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na metumi de ayɛ wo, wo a wohwɛ adesamma?+Dɛn nti na woatu w’ani asi me so, na madan wo so adesoa yi? 21  Dɛn nti na womfa me mmarato mfiri me,+Na wummu w’ani ngu me mfomso so? Na afei dɔte+ mu na mɛkɔ makɔda;Na wobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.