Hiob 9:1-35

9  Ɛnna Hiob buae sɛ:   “Ampa ara minim sɛ saa na ɛte.Ɛbɛyɛ dɛn na onipa desani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm adi bem?+   Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔne no beyiyi nsɛm ano a,+Ɔrentumi mmua nsɛmmisa apem mu biako mpo.   Ɔyɛ koma mu nyansafo ne tumi mu ɔhoɔdenfo.+Hena na obetumi atew no so atua na asi no yiye?+   Otutu mmepɔw+ bere a nnipa nhu;Otutu gu wɔ n’abufuw mu.+   Ɔma asase wosow fi ne sibea,Na ne nnyinaso+ hinhim.   Ɔkasa kyerɛ owia, na ɛmmɔ,Na ɔkata nsoromma ani;+   N’ankasa trɛw ɔsoro mu hata hɔ,+Na otiatia ɛpo asorɔkye so.+   Ɔno na wayɛ Ayis nsorommakuw, Kesil nsorommakuw,Ne Kima nsorommakuw+ ne Anafo fam mpia no; 10  Wayɛ nneɛma akɛse a enni hwehwɛbea,+Ne anwonwade a enni ano.+ 11  Hwɛ! Otwa me ho a minhu no,Na ɔsen a minhu sɛ ɛyɛ ɔno.+ 12  Hwɛ! Ohwim kɔ. Na hena na obetumi asiw no kwan?Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+ 13  Onyankopɔn de, ɔrensianka n’abufuw;+Onuɔdenfo+ aboafo bɛkotow no. 14  Mene hena a mebua no!Mɛhwɛ me kasa yiye wɔ ne ho,+ 15  Na m’asɛm yɛ dɛ de, nanso merenyi ano.+Anka nea me ne no wɔ asɛm no, mɛkotow asrɛ no.+ 16  Sɛ mefrɛ no a, obegye me so anaa?+Minnye nni sɛ ɔbɛyɛ aso atie me nne; 17  Ɔno na ɔde ahum apirapira meNa wama m’akuru adɔɔso kwa.+ 18  Ɔremma minnya ahome foforo,+Efisɛ wama nea ɛyɛ yaw amee me. 19  Sɛ otumfoɔ bi wɔ ahoɔden a, ɔne no;+O sɛ anka ɔtemmufo a ɔyɛ den bi wɔ hɔ ɛ, anka ɔfrɛɛ m’asɛm! 20  Sɛ m’asɛm yɛ dɛ a, anka m’ankasa m’ano na ebebu me fɔ;Sɛ me ho nni asɛm a, anka obebu me ɔkɔntɔnkyeni. 21  Sɛ me ho nni asɛm a, anka minnim me kra;Anka mɛpo me nkwa. 22  Ade biako wɔ hɔ. Ɛno nti na mereka sɛ,‘Nea ne ho nni asɛm ne ɔdebɔneyɛfo nyinaa, ɔde wɔn reba wɔn awiei.’+ 23  Sɛ nsu yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,Ɔbɛserew wɔn a wodi bem no amanehunu. 24  Asase mpo, ɔde ahyɛ ɔbɔnefo nsa;+Ɔkata ɛso atemmufo anim.Sɛ ɛnyɛ saa a, ɛnde ɛyɛ hena? 25  Me nna twam ntɛm sen ommirikatufo;+Eguan kɔ, na ɛrenhu adepa. 26  Ɛsen kɔ te sɛ demmire akorow,Ne ɔkɔre a otu di akɔneaba pɛ nea obedi.+ 27  Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afi me haw,+Mɛsesa m’anim+ na mayɛ hyɛnn’ a, 28  Me yaw nyinaa bɔ me hu;+Minim sɛ woremmu me bem. 29  Medi fɔ ara.Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ gu?+ 30  Sɛ mede sukyerɛmma nsu guare,Na mede samina+ hohoro me nsa mpo a, 31  Wode me bɛhyɛ amoa mu,Na me ho ayɛ me ntade tan. 32  Efisɛ ɔnyɛ onipa+ te sɛ me na me ne no ayiyi nsɛm ano,Anaa me ne no adi asɛm. 33  Obiara nni hɔ a obedi yɛn ntam asɛm,+Na ɔde ne nsa agu yɛn baanu so. 34  Ma onyi n’abaa mfi me so,+Na ne ho hu nso, mma ennhunahuna me. 35  Ma menkasa, mma minnsuro no,Efisɛ ɛnyɛ saa na mete wɔ me mu.

Ase Hɔ Nsɛm