Kwadwom 3:1-66

א [ʼAʹleph] 3  Mene ɔbarima a n’abufuw abaa no nti mahu amane.+   Me na wadi m’anim ama manantew esum mu, na ɛnyɛ hann mu.+   Ampa, me na daa ɔdan ne nsa tia me da mu nyinaa.+ ב [Behth]   Wama me honam ne me were atwintwam.+ Wabubu me nnompe.+   Wagye me ho ban+ de awɔnwene+ ne amanehunu atwa me ho ahyia.   Ɔde me atena sum+ mu sɛ nnipa a wɔawuwu dedaadaw.+ ג [Giʹmel]   Wagye me ho ban sɛ abo fasu, na mantumi amfi adi.+ Me kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ no, wama emu ayɛ duru.   Sɛ meteɛm na misu hwehwɛ ɔboafo nso a, osiw me mpaebɔ kwan.+   Ɔde abo a wɔatwa asisiw m’akwan.+ Wakyeakyea m’atempɔn.+ ד [Daʹleth] 10  Wayɛ sɛ osisi a ɔtɛw me;+ wayɛ sɛ gyata a wahintaw.+ 11  Wama m’akwan ayɛ basabasa, na wama mayɛ sɛ asase a ada mpan. Wama mayɛ amamfõ.+ 12  Watia ne tadua+ so, na ɔde agyan no akyerɛ me so.+ ה [Heʼ] 13  Wama ne kotoku mu agyan ahyɛn m’asaabo mu.+ 14  Mayɛ asereserede+ ama aman a wɔtan me nyinaa; wɔde me to dwom daa nyinaa.+ 15  Wama ade nwenenwene amee me.+ Wama awɔnwene+ atumi me. ו [Waw] 16  Ɔde mmosea abubu me sẽ.+ Wabrɛ me ase nsõ+ mu. 17  Woatow me akyene ama asomdwoe nni hɔ mma me kra. Me werɛ afi sɛnea ahotɔ te.+ 18  Daa meka sɛ: “M’anuonyam ne m’anidaso ayera wɔ Yehowa hɔ.”+ ז [Zaʹyin] 19  Kae m’amanehunu ne sɛnea mayɛ adedamfikyiri,+ bɔre ne awɔnwene+ no. 20  Wo kra bɛkae na woakotow ama me.+ 21  Eyi na mɛsan de ahyɛ me komam.+ Ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn.+ ח [Chehth] 22  Yehowa adɔe+ nti na yɛn ase nhyewee,+ efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+ 23  Ɛyɛ foforo anɔpa biara.+ Wo nokwaredi dɔɔso.+ 24  Me kra aka sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa,+ ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn no no.”+ ט [Tehth] 25  Yehowa ye ma nea ɔde no ayɛ n’anidaso,+ ɔkra a ɔhwehwɛ no daa no.+ 26  Eye sɛ onipa bɛyɛ komm+ atwɛn+ Yehowa nkwagye.+ 27  Eye sɛ ɔbarima bɛsoa kɔndua ne mmeranteberem.+ י [Yohdh] 28  Ma ne nko ntena hɔ komm,+ efisɛ ɔde biribi ato no so.+ 29  Ma ɔmfa n’ano mmutuw dɔte mu.+ Ebia anidaso bi wɔ hɔ.+ 30  Ma ɔnnan n’asom mma nea ɔbɔ no.+ Ma ahohora mmee no.+ כ [Kaph] 31  Yehowa rentow yɛn nkyene daa.+ 32  Wama yɛadi awerɛhow,+ nanso obehu yɛn mmɔbɔ sɛnea n’adɔe bebrebe no te.+ 33  Enni ne komam sɛ ɔbɛma nnipa mma ahu amane anaa ɔbɛhyɛ wɔn awerɛhow.+ ל [Laʹmedh] 34  Sɛ obi pɛtɛw asase so nneduafo+ nyinaa ne nan ase,+ 35  Sɛ obi dan ɔbarima atemmu ani, Ɔsorosoroni no anim,+ 36  Sɛ obi bu obi atɛnkyea n’asɛm mu a, Yehowa ani nnye ho.+ מ [Mem] 37  Afei, hena na waka sɛ biribi mmra mu bere a Yehowa nhyɛe?+ 38  Nneɛma bɔne ne nneɛma pa remfi Ɔsorosoroni no anom.+ 39  Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔte ase, ɔbarima, anwiinwii,+ ne bɔne nti?+ נ [Nun] 40  Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu mpɛɛpɛɛ+ mu, na yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn.+ 41  Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ soro+ sɛ: 42  “Yɛn de, yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua.+ Wo nso, woamfa amfiri.+ ס [Saʹmekh] 43  Wode abufuw asiw kwan,+ na wutiw yɛn.+ Woakum; woanhu mmɔbɔ.+ 44  Wode omununkum asiw wo nkyɛn ba kwan,+ na mpaebɔ amfa mu amma.+ 45  Woama yɛayɛ nwura dodow ne sumina, amanaman mu.”+ פ [Peʼ] 46  Yɛn atamfo nyinaa atu wɔn ano agu yɛn so.+ 47  Akomatu ne amoa, ɔsɛe ne obubu+ na ato yɛn.+ 48  Nsu sen fa m’aniwa mu waawaa, me man babea a wabubu nti.+ ע [ʽAʹyin] 49  M’aniwa tew nusu waawaa; ɛrennyae, ɛrenyɛ dinn,+ 50  Kosi sɛ Yehowa besi ne ti ase afi soro ahwɛ.+ 51  M’aniwa ne me kra adi no nwenenwene,+ me kurow mmabea nyinaa nti.+ צ [Tsa·dhehʹ] 52  M’atamfo repɛ me akyere me sɛ anomaa,+ nanso menyɛɛ hwee.+ 53  Wɔatwa me nkwa so wɔ amoa mu,+ na wɔatotow abo agu me so. 54  Nsu abu afa me ti so.+ Maka sɛ: “Wobetwa me afi hɔ!”+ ק [Qohph] 55  O Yehowa, mifi amoa ase+ tɔnn na mabɔ wo din afrɛ wo. 56  Wubetie me nne.+ Nsiw w’aso, m’ahotɔ ne me sufrɛ ho.+ 57  Da a mefrɛɛ wo no, wutwiw bɛnee.+ Wokae sɛ: “Nsuro.”+ ר [Rehsh] 58  O Yehowa, woadi me kra asɛm ama me.+ Woagye me nkwa.+ 59  O Yehowa, woahu bɔne a wɔde ayɛ me.+ Mesrɛ wo, di m’asɛm ma me.+ 60  Woahu wɔn aweredi nyinaa, wɔn adwene a wɔadwen atia me nyinaa.+ ש [Sin] anaa [Shin] 61  O Yehowa, woate wɔn ahohora, wɔn adwene a wɔadwen atia me nyinaa,+ 62  Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm+ ne huhuhuhu a wɔyɛ me ho daa nyinaa no.+ 63  Hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔre.+ Me na wɔde me to dwom.+ ת [Taw] 64  O Yehowa, tua wɔn ka sɛnea wɔn nsa ano adwuma te.+ 65  Wobɛma wɔn koma ayɛ den;+ wo nnome mmra wɔn so.+ 66  Yehowa, wubetiw wɔn w’abufuw mu na woasɛe wɔn+ afi wo soro ase.+

Ase Hɔ Nsɛm