Kwadwom 5:1-22

5  O Yehowa, kae nea aba yɛn so.+ Hwɛ, na hu yɛn ahohora.+   Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho; wɔde yɛn afie ama ananafo.+   Yɛayɛ nnyanka; yenni agya.+ Yɛn maamenom te sɛ akunafo.+   Yɛn ankasa nsu a yɛnom, yetua ho ka.+ Nnyina a yɛsɔ, yɛtɔ.   Yɛn ataafo kura yɛn kɔn akyi.+ Yɛabrɛ, nanso yennya ahomegye.+   Yɛde yɛn nsa+ ama Egypt;+ yɛde ama Asiria+ na ama yɛanya aduan adi amee.   Yɛn agyanom na wɔyɛɛ bɔne.+ Wonni hɔ, nanso yɛn na yɛasoa wɔn bɔne.+   Nkoa na wodi yɛn so.+ Obi nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.+   Yɛde yɛn kra to yɛn nsam de hwehwɛ aduan,+ nkrante a ɛwɔ sare so no nti. 10  Yɛn were adɔ kɔɔ sɛ fononoo, ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti.+ 11  Wɔabrɛ Sion mmea,+ Yuda nkurow mu mmaabun no ase. 12  Wɔkyekyeree mmapɔmma nsa sensɛn wɔn.+ Wɔanni nkwakoraa mpo anim ni.+ 13  Mmerante maa owiyammo so,+ na mmarimaa hintiwii bere a wɔsõsõ nnyina.+ 14  Mpanyimfo agyae kurow apon ano tena,+ na mmerante agyae wɔn sankudwom bɔ.+ 15  Yɛn komam ahurusi agyae. Yɛn asaw adan awerɛhow.+ 16  Yɛn abotiri ayi atɔ fam.+ Yennue, efisɛ yɛayɛ bɔne!+ 17  Eyi nti, yɛn koma yare.+ Eyi nyinaa nti, yɛn ani so ayɛ kusuu,+ 18  Sion bepɔw a ayɛ amamfõ nti;+ sakraman nenam so.+ 19  Na wo Yehowa de, wobɛtena w’ahengua so akosi daa.+ W’ahengua wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.+ 20  Adɛn nti na wo werɛ afi yɛn daapem,+ na woagyaw yɛn nna pii yi?+ 21  O Yehowa, san fa yɛn bra+ wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo. Ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete no.+ 22  Nanso woapo yɛn koraa.+ Wo bo afuw yɛn aboro so.+

Ase Hɔ Nsɛm