Leviticus 1:1-17

1  Yehowa fi ahyiae ntamadan+ no mu frɛɛ Mose na ɔka kyerɛɛ no sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo+ no sɛ, ‘Sɛ mo mu bi pɛ sɛ ɔde ayɛmmoa bɔ afɔre ma Yehowa a, nantwi ne oguan na ɔmfa mmɔ afɔre no.  “‘Sɛ nantwi na ɔde rebɔ ɔhyew afɔre+ no a, ɔmfa onini a ɔte apɔw+ mmra. Omfi ne pɛ mu mfa mmrɛ Yehowa+ wɔ ahyiae ntamadan no ano.  Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no mpampam, na wɔbɛpene so agye+ de apata ama no.+  “‘Na afei wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.+  Na wonyi ɔhyew afɔrebɔde no ho nhoma na wontwitwa no asinasin.+  Na Aaron mma asɔfo no nsɔ afɔremuka+ no so gya na wɔnhyehyɛ nnyina wɔ ogya no so.+  Aaron mma asɔfo no nhyehyɛ nam asinasin no,+ ne ti ne ne srade no nyinaa, wɔ nnyina a egu afɔremuka no so gya so no so.  Na wɔmfa nsu nhohoro ne nsono+ ne ne nnyawa ho, na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 10  “‘Na sɛ oguan na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre a, odwennini+ kumaa oo, ɔpapo+ oo, ɔnhwɛ sɛ ɔde nea ɔte apɔw na ɛbɛba.+ 11  Ɛsɛ sɛ wokum no wɔ afɔremuka no fã a ɛhwɛ atifi fam wɔ Yehowa anim no, na Aaron mma asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.+ 12  Na ontwitwa no asinasin, na ɔmfa ne ti ne ne srade nka ho, na ɔsɔfo no nhyehyɛ wɔ nnyina a egu afɔremuka no so gya so no so.+ 13  Na ɔmfa nsu nhohoro ne nsono+ ne ne nnyawa+ ho, na ɔsɔfo no nhyew+ ne nyinaa wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 14  “‘Na sɛ ntakraboa na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama Yehowa a, ɛnde ɔmfa mmuruburuw+ anaa mmorɔnoma mma+ mmra. 15  Afei ɔsɔfo no mfa nkɔ afɔremuka no ho na onkyim+ ne ti, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ne mogya no de, ɔnsɔn ngu afɔremuka no ho. 16  Onyi nea ɛhyɛ ne mene ase ne ne ntakra na ɔntow ngu afɔremuka no nkyɛn wɔ apuei fam, faako a wɔde nsõ*+ gu no. 17  Na onso ne ntaban mu nwae ne mu, nanso ɛnsɛ sɛ ɛtew si.+ Afei ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, nnyina a egu ogya no so no so, sɛ ɔhyew afɔre,+ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 27:3 ase hɔ asɛm.