Leviticus 15:1-33

15  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Monka nkyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ nsu fi+ ɔbarima ho* sen a, n’ahosen no yɛ biribi a ɛho ntew.  N’ahosen yi nti, ne ho ntew: Sɛ nsu fi ne barima mu sen oo, sɛ nea afi ne ho aba no ama ne barima ano kwan asiw oo, ne ho ntew ara.  “‘Sɛ nsu fi obi ho sen a, biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so no ho ntew.  Sɛ onipa foforo ho kɔka onii no mpa a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na ɔde nsu guare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.+  Na sɛ nea ne ho nsu sen no tena biribi so na onipa foforo nso kɔtena so a, ɛsɛ sɛ ɔfoforo no horo+ ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.  Obiara nso a ne ho bɛka nea ne ho nsu sen+ no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.+  Na sɛ nea ne ho nsu sen no fe ntasu gu nea ne ho tew so a, ɛsɛ sɛ ɔfoforo no horo ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.  Sɛ nea ne ho nsu sen no tena aboa bi so a, atɛ+ a ɔtenaa so no nso ho ntew. 10  Biribiara a ɔbɛtena so no, sɛ obi so mu a, ne ho rentew kosi anwummere. Na obiara a ɔbɛsoa saa ade no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere. 11  Sɛ nea ne ho nsu sen+ no mfaa nsu nhohoroo ne nsa na oso obi mu a, ɛsɛ sɛ ɔfoforo no horo ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere. 12  Kuku biara a nea ne ho nsu sen no beso mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no.+ Na sɛ ɛyɛ ade a wɔde dua+ asen a, wɔmfa nsu nhohoro ho nyinaa. 13  “‘Sɛ nea ne ho nsu sen no ahosen no twa a, ɔnkan nnanson mfa ntew ne ho.+ Na ɔnhoro ne ntade na ɔmfa mmasu nguare+ na ne ho atew. 14  Na da a ɛto so awotwe no ɔnhwehwɛ mmuruburuw+ abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfo no. 15  Ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa biako nso mmɔ ɔhyew afɔre,+ na ɔsɔfo no mfa n’ahosen no ho mpata mmra Yehowa anim. 16  “‘Na sɛ ɔbarima bi ho ba+ a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere. 17  Atade anaa aboa nhoma biara a ne ho nsu bɛka mu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro, nanso ɛho begu fĩ akosi anwummere.+ 18  “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbea da ma ne ho ba a, wɔmfa nsu nguare, nanso wɔn ho begu fĩ+ akosi anwummere. 19  “‘Sɛ biribi sen fi ɔbea ase na ɛyɛ ne bra mogya+ a, ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnanson, efisɛ ne ho ntew,+ na obiara a ne ho bɛka no no nso ho begu fĩ akosi anwummere. 20  Ne brayɛ mu no, biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so no ho ntew.+ 21  Na obiara a obeso ne mpa mu no nhoro ne ntade na onguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.+ 22  Sɛ ɔbea no tena biribi so na obi so mu a, ɔnhoro ne ntade na onguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.+ 23  Sɛ mpa so na na ɔte oo, sɛ biribi foforo so na na ɔte oo, obiara a ne ho bɛka+ ade no ho begu fĩ akosi anwummere. 24  Na sɛ ɔbarima ne no da ma ne brayɛ fĩ no ka no+ a, ɔbarima no ho begu fĩ nnanson, na biribiara a ɔbɛda so no nso ho begu fĩ. 25  “‘Na sɛ mogya tu ɔbea nna pii+ bere a ne bra nnui+ anaasɛ mogya no kyɛ sen bere a ɔde yɛ bra a, nna a mogya betu no nyinaa bɛyɛ te sɛ nea wayɛ bra no ara. Ne ho ntew. 26  Biribiara a ɔbɛda so bere a mogya tu no no bɛyɛ te sɛ bere a wayɛ bra no ara pɛ;+ na biribiara a ɔbɛtena so ho begu fĩ te sɛ bere a wayɛ bra no ara pɛ. 27  Na obiara a ne ho bɛka+ nneɛma a ɛte saa no nso ho begu fĩ, na ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere. 28  “‘Nanso sɛ mogya no twa a, ɔnkan nnanson, na ɛno akyi no, ne ho bɛtew.+ 29  Na da a ɛto so awotwe no ɔnhwehwɛ mmuruburuw+ abien anaa mmorɔnoma mma abien, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ 30  Ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔmfa biako nso mmɔ ɔhyew afɔre,+ na ɔsɔfo no mfa mogya a etuu no no ho mpata+ mmra Yehowa anim. 31  “‘Momma Israelfo ntwe wɔn ho mfi wɔn fĩ ho na wɔamfa fĩ anka me ntamadan a ɛwɔ wɔn mfinimfini no na wɔanwuwu wɔ wɔn fĩ mu.+ 32  “‘Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho nsu sen+ anaa ɔbarima a n’ahobae+ ama ne ho agu fĩ. 33  Mmara yi ara na ɛwɔ hɔ ma ɔbea a wayɛ bra+ ma enti ne ho ntew, ne ɔbarima anaa ɔbea biara a biribi fi ne ho sen,+ ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew ada.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ne barima mu.”