Leviticus 16:1-34

16  Bere a Aaron mma baanu no amfa kwampa so amma Yehowa anim nti wowuwui+ no, akyiri yi Yehowa ne Mose kasae.  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ ɔba kronkronbea+ hɔ wɔ ntwamutam+ no akyi wɔ Adaka no mmuaso no anim na wanwu,+ efisɛ meyi me ho adi wɔ omununkum+ mu wɔ mmuaso+ no so.  “Sɛ Aaron ba kronkronbea hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔde ba ni:+ Ɔmfa nantwinini kumaa mmɛbɔ bɔne ho afɔre,+ na ɔmfa odwennini mmɔ ɔhyew afɔre.+  Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotiten+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsu nguare+ na ɔnhyɛ.  “Onnye mpapo nkumaa abien mfi Israel asafo+ no hɔ mfa mmɔ bɔne ho afɔre,+ na onnye odwennini biako mfa mmɔ ɔhyew afɔre.+  “Aaron mfa nantwinini a ɔde bae no mmɔ bɔne ho afɔre mma ne ho,+ na ɔmpata+ mma ne ho ne ne fie.+  “Afei ɔmfa mmirekyi abien no mmra Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no ano.  Na Aaron mmɔ mmirekyi abien no so ntonto.+ Biako bɛyɛ Yehowa dea na biako ayɛ Asasel* dea.+  Afei Aaron mfa abirekyi a ntonto+ no beyi no ama Yehowa no mmɔ bɔne ho afɔre.+ 10  Na ɔmfa abirekyi a ntonto no beyi no ama Asasel no mmegyina Yehowa anim mpata mma no na wonkogyaa+ no mma Asasel wɔ sare so.+ 11  “Aaron mfa nantwinini a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho no mmra mmekum no, na ɔmpata mma ne ho ne ne fie.+ 12  “Afei ɔmfa ogya kukuwa+ nyi nnyansramma mã mfi afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no so, na ɔmfa aduhuam+ a wɔasiw no muhumuhu ne nsa abien+ mã nka ho mmra ntwamutam no akyi.+ 13  Ɔmfa aduhuam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim,+ na aduhuam wusiw kumɔnn no nkata Adaka no mmuaso+ a ɛwɔ Adanse no+ so no ho. Ma ɔnyɛ saa na wanwu. 14  “Afei ɔmfa ne nsateaa mmɔ nantwi no mogya mu+ mpete mmuaso no anim baabi a ɛkyerɛ apuei, na ɔmfa mogya no bi mpete+ mmuaso no anim+ mpɛn ason. 15  “Onkum abirekyi a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya mmra ntwamutam no akyi+ na ɔnyɛ nea ɔde nantwinini no mogya yɛe no ara bi.+ Ɔmfa mpete mmuaso no anim. 16  “Na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfo afide+ ne wɔn bɔne mu atuatew+ nyinaa nti. Saa na ɔnyɛ ahyiae ntamadan a esi wɔn nkyɛn wɔ wɔn afide mu no. 17  “Sɛ ɔkɔ ahyiae ntamadan no mu kɔbɔ mpata afɔre wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ kosi sɛ ɔbɛba. Na ɔmpata mma ne ho+ ne ne fie ne Israel asafo nyinaa.+ 18  “Afei ɔmmra afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma no. Na ɔmfa nantwi ne abirekyi mogya no bi nyɛ mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no so no ho nhyia.+ 19  Bio nso ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu na ɔmfa mpete+ so mpɛn ason, na ɔntew ho mfi Israelfo no afide ho na ɔnyɛ no kronkron. 20  “Sɛ ɔpata+ ma kronkronbea ne ahyiae ntamadan ne afɔremuka no wie a, ɔmfa abirekyi biako a aka no mmra.+ 21  Na Aaron mfa ne nsa abien+ ngu abirekyi no mpampam, na ɔnka Israelfo mfomso+ nyinaa ne wɔn bɔne mu atuatew+ nyinaa ngu abirekyi no ti so,+ na ɔmfa no nhyɛ ɔbarima a wayɛ krado nsa+ na onkogyaa no nkɔ sare so.+ 22  Na abirekyi no nsoa wɔn bɔne+ nyinaa nkɔ anhwea pradada so,+ na onnyaa abirekyi no nkɔ sare so.+ 23  “Afei Aaron nkɔ ahyiae ntamadan no mu na onyi ntade a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea hɔ no, na onnyaw wɔ hɔ.+ 24  Ɔmfa nsu nguare+ wɔ baabi a ɛyɛ kronkron,+ na ɔnhyɛ ne ntade+ na omfi mmra mmɛbɔ n’ankasa ne hyew afɔre+ ne ɔman no hyew afɔre.+ Na ɔmpata mma ne ho ne ɔman no.+ 25  Afei ɔnhyew mmoa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no srade wɔ afɔremuka no so.+ 26  “Nea+ okogyaa abirekyi biako no maa Asasel+ no nso nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare+ ansa na waba nsraban no mu. 27  “Afei wɔmfa nantwinini ne abirekyi a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔre a wɔde wɔn mogya kɔpatae wɔ kronkronbea hɔ no nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma, wɔn nam, ne wɔn bin.+ 28  Na nea ɔbɛhyew mmoa no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ansa na waba nsraban no mu. 29  “Eyi bɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa:+ Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du+ no, mo kra nni awerɛhow,+ na kuromanni oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, obiara nnyɛ adwuma biara.+ 30  Saa da yi na wɔbɛpata+ ama mo de atew mo ho. Mo ho bɛtew afi mo bɔne nyinaa ho wɔ Yehowa anim.+ 31  Ɛyɛ homeda+ ma mo, enti monhome koraa, na mo kra nni awerɛhow. Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa. 32  “Na ɔsɔfo a wɔbɛsra+ no na wɔama no tumi* ma wasi ne papa ananmu+ asom sɛ ɔsɔfo+ no mmɔ mpata afɔre. Na ɔnhyɛ nwera ntade no,+ efisɛ ɛyɛ ntade kronkron.+ 33  Ɔmpata mma kronkronbea+ no ne ahyiae ntamadan+ no ne afɔremuka no,+ na ɔmpata mma asɔfo no ne Israel asafo no nyinaa.+ 34  Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa+ na moapata ama Israelfo bɔne nyinaa pɛnkoro afe biara.”+ Na ɔyɛɛ nea Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Nea asɛmfua Asasel kyerɛ pɔtee no mu nna hɔ. Wɔde bata abirekyi a wogyaa no kɔ sare so no ho. Fa toto nky. 10 ho.
Hwɛ Ex 28:41 ase hɔ asɛm.