Leviticus 17:1-16

17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Nea Yehowa ahyɛ ni:  “‘“Israelni biara a obekum nantwi anaa oguan anaa abirekyi wɔ nsraban no mu anaa nsraban no akyi  na wamfa amma ahyiae ntamadan no ano+ ammɛbɔ afɔre amma Yehowa wɔ Yehowa kronkronbea no anim no, wobebu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wobetwa no afi ne man mu.+  Eyi bɛma Israelfo de mmoa a anka wobekum wɔn wuram+ no abrɛ ɔsɔfo no na ɔno nso de abrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no ano+ na wɔde abɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa.+  Afei ɔsɔfo no mfa mogya no mpete Yehowa afɔremuka no so+ wɔ ahyiae ntamadan no ano, na ɔnhyew srade+ no sɛ afɔre huamhuam mma Yehowa.+  Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma adaemone mmirekyi*+ a wɔne wɔn bɔ aguaman+ no bio. Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa mo awo ntoatoaso nyinaa mu.”’  “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu biara a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre+ anaa afɔre foforo bi  na wamfa amma ahyiae ntamadan no ano ammrɛ Yehowa+ no, wobetwa no afi ne man mu.+ 10  “‘Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo a obedi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a odi mogya no,+ na metwa no afi ne man mu. 11  Na ɔhonam biara kra wɔ mogya mu,+ na afɔremuka no so na mede ama mo sɛ momfa mpata+ mma mo kra, na mogya+ na wɔde pata+ ma bɔne, efisɛ emu na ɔkra no wɔ. 12  Eyi nti na maka akyerɛ Israelfo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu ɔkra biara di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔho a wabɛsoɛ mo+ biara nso di mogya.”+ 13  “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo biara yɛ ha na onya aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ odi a, onhwie ne mogya ngu+ mfa dɔte nkata so.+ 14  Na ɔhonam biara kra ne ne mogya, efisɛ ɔkra wɔ mogya no mu. Enti na meka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munnni ɔhonam biara mogya, efisɛ ɔhonam biara kra ne ne mogya.+ Obiara a obedi no, wobetwa no akyene.”+ 15  Ɔkra biara a ɔbɛwe aboa a wawu anaa nea aboa bi atetew ne mu+ no, ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔho oo, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na ɔde nsu guare, nanso ne ho rentew kosi anwummere+ ansa na ne ho atew. 16  Na sɛ wanhoro ne ntade anguare a, ɛnde ɔbɛsoa ne bɔne.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

“Adaemone mmirekyi.” Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔsom wɔn no susuw sɛ wɔyɛ mmoa a wɔte sɛ mmirekyi a wɔn ho wɔ nhwi.