Leviticus 18:1-30

18  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+  Motenaa Egypt; monhwɛ na moamfa Egypt kwan so.+ Mede mo rekɔ Kanaan; monhwɛ na moamfa Kanaan kwan so,+ na monnyɛ wɔn amanne.  M’atemmusɛm+ so na munni, na m’ahyɛde+ mu na monnantew.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.  Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.+  “‘Obiara nnkɔ ne busuani ho nnkoyi n’adagyaw so.+ Mene Yehowa.  Nyi wo papa anaa wo maame adagyaw so.+ Ɔyɛ wo maame. Nyi n’adagyaw so.  “‘Nyi wo papa yere adagyaw so.+ Ɛyɛ wo papa adagyaw.  “‘Wo nuabea, wo papa babea anaa wo maame babea, sɛ wɔwoo no fie koro mu oo, wɔwoo no baabi oo, nyi n’adagyaw so.+ 10  “‘Nyi wo babarima babea anaa wo babea babea adagyaw so, efisɛ ɛyɛ w’adagyaw. 11  “‘Wo papa yere babea a ɔne wo papa awo no yɛ wo nuabea; nyi n’adagyaw so. 12  “‘Nyi wo papa nuabea adagyaw so. Ɔne wo papa yɛ mogya koro.+ 13  “‘Nyi wo maame nuabea adagyaw so, efisɛ ɔne wo maame yɛ mogya koro. 14  “‘Nyi wo papa nuabarima adagyaw so; nkɔ ne yere ho. Ɔyɛ wo papa yere.+ 15  “‘Nyi w’asebea adagyaw so.+ Ɔyɛ wo ba yere. Nyi n’adagyaw so. 16  “‘Nyi wo nua yere adagyaw so.+ Ɛyɛ wo nua adagyaw. 17  “‘Nyi ɔbea ne ne babea adagyaw so.+ Na nkɔ ne babarima babea anaa ne babea babea ho nkoyi n’adagyaw so. Wɔyɛ mogya koro. Woyɛ saa a, ɛyɛ ahohwibra.+ 18  “‘Nware ɔbea nka ne nuabea ho mma wɔmmɛyɛ akorafo,+ na nyi n’adagyaw so nka ne ho bere a ɔte ase. 19  “‘Nkɔ ɔbea a wayɛ bra ho+ nkoyi n’adagyaw so.+ Ne ho ntew. 20  “‘Mfa wo ho nsu mma wo yɔnko yere na mo ho angu fĩ.+ 21  “‘Mfa wo ba mmɔ afɔre+ mma Molek.+ Nyɛ saa mfa ngu wo Nyankopɔn din ho fĩ.+ Mene Yehowa.+ 22  “‘Wo ne ɔbarima+ nnna sɛnea wo ne ɔbea da.+ Ɛyɛ akyide. 23  “‘Na mfa wo ho nsu mma aboa+ na wo ho angu fĩ, na ɛnsɛ sɛ ɔbea gyina aboa anim de ne ho ma no.+ Ɛyɛ akyide. 24  “‘Mfa eyinom biara ngu wo ho fĩ, efisɛ eyi na ama aman a merepam wɔn afi w’anim yi ho agu fĩ.+ 25  Enti asase no so agu fĩ, na mede ne bɔne ho asotwe bɛba ne so, na ɛbɛfe ɛso nnipa agu.+ 26  Na mo de, munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so,+ na monnyɛ akyide yi mu biara bi. Kuromanni oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu+ oo, obiara nnyɛ bi. 27  Akyide yi nyinaa na asase no sofo a wodii mo anim no yɛe,+ enti na asase no so agu fĩ no. 28  Munngu asase no so fĩ na amfe mo angu sɛ aman a wodii mo anim no.+ 29  Obiara a ɔbɛyɛ akyide yi bi no, wobetwa ɔkra a ɔte saa no afi ne man mu.+ 30  Monhwɛ nni m’ahyɛde so na moanyɛ amanne tantan a wɔn a wodii mo anim no yɛe no bi,+ na angu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”

Ase Hɔ Nsɛm