Leviticus 19:1-37

19  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+  “‘Obiara nsuro ne maame ne ne papa,+ na munni me homeda no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.  Munnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dade anyame biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.  “‘Sɛ morebɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa+ a, mommɔ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.+  Da a mobɔ afɔre no anaa n’adekyee no ara munni, na sɛ ebi ka ma edi nnansa a, momfa ogya nhyew.+  Sɛ edi nnansa na obi di a, ɛyɛ atantanne.+ Nhyira biara nnim.+  Na nea obedi no bɛsoa ne bɔne,+ efisɛ wagu Yehowa akronkronne ho fĩ. Wobetwa ɔkra a ɔte saa no afi ne man mu.  “‘Sɛ moretwa mo asase so nnɔbae a, munntwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa, na mutwa wie nso a, monnsesaw nea aka ase no.+ 10  Na wutwa wo bobeturo mu aba nso a, ɛnsɛ sɛ wosesaw nea aka ase+ anaa nea agugu fam no. Gyaw ma wɔn a ahia wɔn ne ahɔho.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 11  “‘Mommmɔ korɔn,+ monnnaadaa+ obiara, na munntwa mo yɔnko nkontompo.+ 12  Mommfa me din nnka ntanhunu+ na moangu mo Nyankopɔn din ho fĩ. Mene Yehowa. 13  Nsisi wo yɔnko,+ na mmɔ no apoo.+ Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma ade nkye so.+ 14  “‘Nnome ɔsotifo, na mfa biribi nto baabi a onifuraefo nam.+ Suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa. 15  “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. 16  “‘Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. 17  “‘Nnya wo nua ho tan wo komam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. 18  “‘Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka,+ na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw.+ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.+ Mene Yehowa. 19  “‘Munni m’ahyɛde yi so: Mommma mo nyɛmmoa a ɛsono wɔn mu biara mmforo wɔn ho. Munnnua aba abien a ɛsono emu biara wɔ afuw biako mu,+ na monnhyɛ atade a wɔde ntama ahorow abien afra anwene.+ 20  “‘Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea a wɔde no ama ɔbarima foforo da ma ne ho nsu ka no na ɔbea no yɛ afenaa a wɔntɔɔ no mfii nkoasom mu na ɔnnee ne ho a, wɔmfa ho asotwe mma. Nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ ɔbea no nnee ne ho. 21  Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no ano mma wɔmfa mmɔ asodi afɔre.+ 22  Ɔsɔfo no mfa odwennini no mmɔ asodi afɔre wɔ Yehowa anim mfa mpata mma no, na wɔde bɔne a wayɛ no befiri no.+ 23  “‘Sɛ mudu asase no so na motɛw dua bi a mubedi so aba a, mummu dua no sɛ ɛho ntew te sɛ nea wontwaa no twetia. Enti ebesi hɔ mfe abiɛsa sɛ ade a wontwaa no twetia. Ɛnsɛ sɛ mudi bi. 24  Nanso afe a ɛto so anan no, dua no so aba nyinaa+ bɛyɛ akronkronne a mode bɛhyɛ fã ama Yehowa.+ 25  Afei afe a ɛto so anum no, munni bi na n’aba mmu so mma mo.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 26  “‘Mommfa mogya nnka biribiara ho nnni.+ “‘Monnhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne,+ na munnni asumansɛm.+ 27  “‘Munnyi mo ti ano kurukuruwa, na monnsɛe mo bogyesɛ ano.+ 28  “‘Munntwitwa mo ho akam mmma ɔkra a wawu,+ na munntwitwa mo honam nnyɛ ahyɛnsode. Mene Yehowa. 29  “‘Mommma mo mmabea nnnan nguaman+ mmfa nngu wɔn ho fĩ. Monnyɛ saa na asase no ammɔ aguaman na ɔbrabɔne anhyɛ so mã.+ 30  “‘Monhwɛ sɛ mubedi me homeda,+ na munsuro me kronkronbea no nni no ni.+ Mene Yehowa. 31  “‘Monnkɔ adebisafo+ anaa asumanfo+ nkyɛn mmfa wɔn nngu mo ho fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 32  “‘Sɔre wɔ dwen anim,+ na di akwakoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa. 33  “‘Sɛ ɔhɔho bɛsoɛ mo asase so a, monntan n’ani.+ 34  Mummu ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no sɛ kuromanni, na monnɔ no sɛ mo ho,+ efisɛ mo nso na moyɛ ahɔho wɔ Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. 35  “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea.+ Na sɛ moresusuw biribi oo, morekari+ oo, morehyɛ oo, munntwa mu nkontompo. 36  Momfa nsenia ne nkaribo ne efa ne hin a ɛteɛ nsusuw ade.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Egypt asase so bae no. 37  Enti munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm nyinaa so, na monyɛ nea maka nyinaa.+ Mene Yehowa.’”

Ase Hɔ Nsɛm