Leviticus 2:1-16

2  “‘Sɛ ɔkra bi pɛ sɛ ɔde aduan bɔ afɔre+ ma Yehowa a, ɔmfa esiam muhumuhu mmɔ afɔre no;+ onhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ nka ho.  Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma asɔfo no, na ɔsɔfo no nsaw esiam ne ngo no ne nsa mã, ne ɛhyɛ no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade,+ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa.  Na aduan afɔre a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma no dea;+ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron+ a efi ogya afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no mu.  “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔre a, fa ngo fɔtɔw esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa.+ Sɛ ɛnte saa nso a, yɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim+ na fa ngo sra ho.+  “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ apampaa+ so de bɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw a mmɔkaw nnim yɛ.  Bubu mu asinasin na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduan afɔre.  “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokyew aduan wɔ ɛsɛn mu de bɛbɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ.  Fa aduan afɔre a wɔde eyinom ayɛ no bra Yehowa anim, na ɛsɛ sɛ wɔde ma ɔsɔfo no na ɔde ba afɔremuka no ho.  Na ɔsɔfo no nyi aduan afɔre no bi mfa nyɛ nkae ade,+ na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+ 10  Na aduan afɔre a ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mma dea; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a efi ogya afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no mu.+ 11  “‘Mommfa aduan a mmɔkaw wom+ biara mmmɔ afɔre mmma Yehowa, na monnhyew mmɔre a akaw anaa ɛwo biara sɛ ogya afɔre mmma Yehowa. 12  “‘Mubetumi de abrɛ Yehowa sɛ aba a edi kan,+ nanso mommfa mmma afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛyɛ huam. 13  “‘Sɛ worebɔ aduan afɔre biara a, hyɛ no nkyene.+ Nkyene na ɛkae wo Onyankopɔn apam,+ na mma bi mmpa w’aduan afɔre mu. Fa nkyene ka w’afɔre nyinaa ho. 14  “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a edi kan brɛ Yehowa sɛ aduan afɔre a, fa aburow momono a wɔde ogya atõtõ na wɔasiw bra sɛ w’aba a edi kan mu aduan afɔre.+ 15  Fa ngo gu so na fa ɛhyɛ ka ho. Ɛyɛ aduan afɔre.+ 16  Na ɔsɔfo no nhyew aburow a wɔasiw ne ngo no bi ne ɛhyɛ no nyinaa sɛ nkae ade,+ sɛ ogya afɔre mma Yehowa.

Ase Hɔ Nsɛm