Leviticus 20:1-27

20  Yehowa toaa so kasa kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte Israel a ɔde ne ba bɛma Molek+ no, wonkum no. Asase no sofo nsiw no abo nkum no.  Mɛma m’ani asã onipa a ɔte saa na matwa no afi ne man mu,+ efisɛ ɔde ne ba ama Molek de agu me kronkronbea+ ne me din kronkron no ho fĩ.+  Na sɛ ɔde ne ba ma Molek na asase no sofo bu wɔn ani gu so na wɔankum no+ a,  ɛnde mɛma m’ani asã saa nipa no ne n’abusua,+ na metwa ɔne wɔn a wodii n’akyi ne Molek bɔɔ aguaman+ no nyinaa afi wɔn man mu.  “‘Ɔkra biara a obefi m’akyi ne adebisafo+ anaa asumanfo+ akɔbɔ aguaman no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔte saa no na matwa no afi ne man mu.+  “‘Montew mo ho na monyɛ kronkron,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.  Monkora m’ahyɛde so na munni so.+ Me Yehowa na merema mo ho atew.+  “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame+ no, wonkum no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti n’ankasa mogya begu ne ti so.+ 10  “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere bɛsɛe aware, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda+ no, wonkum no. Wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no nyinaa.+ 11  Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no ayi ne papa adagyaw so.+ Wonkum wɔn baanu nyinaa. Wɔn ankasa mogya begu wɔn ti so. 12  Sɛ ɔbarima ne n’asebea, kyerɛ sɛ ne ba yere da a, wonkum wɔn baanu nyinaa.+ Wɔayɛ akyide. Wɔn ankasa mogya begu wɔn ti so.+ 13  “‘Sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima da sɛnea ɔne ɔbea da a, wɔn baanu nyinaa ayɛ akyide.+ Ɛsɛ sɛ wokum wɔn. Wɔn ankasa mogya begu wɔn ti so. 14  “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbea ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.+ Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔne wɔn nyinaa wɔ ogya mu+ na ahohwibra+ antena mo mu. 15  “‘Ɔbarima biara a ɔde ne ho nsu bɛma aboa no,+ ɛsɛ sɛ mukum ɔne aboa no nyinaa. 16  Na sɛ ɔbea bi de ne ho ma aboa sɛ ɔmfa no+ a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa. Owu ara na ɛsɛ sɛ wowu. Wɔn ankasa mogya begu wɔn ti so. 17  “‘Sɛ ɔbarima bi fa ne nuabea a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba na ohu n’adagyaw na ɔbea no nso hu n’adagyaw a, ɛyɛ aniwude.+ Enti ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn man mufo anim. Ɛyɛ ne nuabea adagyaw na wayi so, enti ɔbɛsoa ne bɔne. 18  “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbea a wayɛ bra da ma oyi n’adagyaw so a, ɛyɛ ɔbea no mogya abura na wɔn baanu abue so.+ Enti wontwa wɔn mfi wɔn man mu. 19  “‘Nyi wo maame nuabea anaa wo papa nuabea adagyaw so,+ efisɛ obi yɛ saa a, wayi ne busuani ho.+ Wɔbɛsoa wɔn bɔne. 20  Sɛ obi ne ne papa nua yere da a, ɛyɛ ne papa nua adagyaw so na wayi.+ Wɔbɛsoa wɔn bɔne. Wobewu a wonni mma.+ 21  Sɛ obi fa ne nua yere a, ɛyɛ abofonode.+ Ne nua adagyaw so na wayi. Wɔrennya mma. 22  “‘Munni m’ahyɛde+ ne m’atemmusɛm+ nyinaa so na asase a mede mo rekɔ so no amfe mo angu.+ 23  Na monhwɛ na moanyɛ aman a merepam wɔn afi mo anim no amanne,+ efisɛ eyinom na wɔyɛ a wɔn ho yɛ me abofono no.+ 24  Eyi nti na meka kyerɛɛ mo sɛ:+ “Mobɛfa wɔn asase, na me nso mede asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so bɛma mo ayɛ mo agyapade.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na matew mo afi aman a aka no ho.”+ 25  Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Na mommfa mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a mayi asi hɔ sɛ wɔn ho ntew no nngu mo kra ho fĩ.+ 26  Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na meretew mo afi aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapade.+ 27  “‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea di asumansɛm anaa ɔwɔ akɔm honhom+ a, wonkum wɔn.+ Wonsiw wɔn abo nkum wɔn. Wɔn ankasa mogya begu wɔn ti so.’”+

Ase Hɔ Nsɛm